02 – Onyankopɔn
Eyi ne nsɛm kronkron a Onyankopɔn Otumfuo de.
Ɛnyɛ nnipa nsɛm na yɛdi so.
Ma obiara a ɔdɔ Onyankopɔn… eyi ne nea Onyankopɔn ka fa ho: Onyankopɔn.
Eyi ne nsɛm kronkron a Onyankopɔn Otumfuo de.
Ɛnyɛ nnipa nsɛm na yɛdi so.
Ma obiara a ɔdɔ Onyankopɔn… eyi ne nea Onyankopɔn ka fa ho: Onyankopɔn.
Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ no se, “Mene Alfa ne Omega a ɔwɔ hɔ seesei na ɔwɔ hɔ dada na ɔrebɛba no.”
”“Onyankopɔn a ɔbɔɔ ewiase ne nneɛma a ɛwɔ mu nyinaa no na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase. Awurade no nte asɔredan a nnipa asi mu.
”Biribiara nni hɔ a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yie. Abɔdeɛ mu biribiara da nʼanim na ɔno na ɛsɛ sɛ yɛbu yɛn ho akonta kyerɛ no.
”Ahyɛaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.
”Abram dii mfeɛ aduɔkron nkron no, AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ no kaa sɛ, “Mene Otumfoɔ Onyankopɔn, nante mʼanim na yɛ pɛ.
”Mose bisaa sɛ, “Sɛ mekɔ Israelfoɔ no nkyɛn kɔka sɛ, wɔn agyanom Onyankopɔn na wasoma me na wɔbisa me sɛ. ‘Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm no’ a, mmuaeɛ bɛn na memfa mma wɔn?” Ɔbuaa Mose sɛ, ka sɛ, “Mene deɛ ɔwɔ hɔ daa no. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘ME ARA na wasoma me mo nkyɛn.’ ” Onyankopɔn toaa so sɛ, “AWURADE a ɔyɛ mo nananom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn.” Yei ne me edin a wɔde bɛkae me ɛda biara firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.
”“AWURADE yɛ mʼahoɔden, me dwom ne me nkwagyeɛ. Ɔyɛ me Onyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ mʼagya Onyankopɔn—Mɛma no so. AWURADE yɛ ɔkofoɔ; Aane, ne din ne AWURADE.
”Wo nsa nifa, Ao, AWURADE, tumi ne animuonyam ahyɛ no ma. Wo nsa nifa, Ao, AWURADE, atete atamfoɔ mu pasaa.
”AWURADE faa nʼanim frɛɛ no kaa sɛ, “Me, AWURADE, Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ a me bo kyɛre fu na mewɔ ɔdɔ na medi nokorɛ nso; me AWURADE, me dɔ nnipa mpempem na mede atirimuɔden, atuateɛ ne bɔne kyɛ. Metwe afɔdie aso na metwe Agyanom, mma ne mmanananom kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne ɛnan aso.”
”Na monnsom onyame foforɔ biara nka AWURADE ho, na ɔno nko ara ne Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ mosom no.
”Nanso, sɛ mete ase yi, na AWURADE animuonyam ahyɛ asase nyinaa ma yi,
”Onyankopɔn nnyɛ onipa na wadi atorɔ; Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene. Wakasa a wanyɛ anaa? Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so anaa?
”AWURADE, mo Onyankopɔn, yɛ Onyame ninkunfoɔ ne ogya a ɔhye adeɛ Onyankopɔn.
”Ɔdaa yeinom nyinaa adi kyerɛɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu sɛ AWURADE yɛ Onyankopɔn a nʼakyi obi nni hɔ. Ɔmaa motee ne nne firi soro nam so tenetenee mo so. Ɔmaa mohunuu ne ogya fadum wɔ asase so, ɛnna motee ne nne firii ogya no mfimfini.
”Tie, Ao Israel, AWURADE yɛn Onyankopɔn yɛ Awurade koro.
”Monhunu sɛ AWURADE mo Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn; ɔyɛ nokorɛ Onyankopɔn a ɔdi ne dɔ apam so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem a wɔdɔ no na wɔdi nʼahyɛdeɛ so. Nanso, ɔntwentwɛn na ɔsɛe. Ɔtwe wɔn a wɔmpɛ nʼasɛm aso, sɛe wɔn.
”AWURADE mo Onyankopɔn yɛ ahene mu hene ne anyame mu nyame. Ɔyɛ Onyankopɔn kokuroko, otumfoɔ ne ɔnwanwani a ɔnkyea nʼaso na ɔnnye adanmudeɛ nso.
”Ɔyɛ Ɔbotan; nʼadwuma yɛ pɛ; Biribiara a ɔyɛ nam ne kwan so, na ɛyɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔnyɛ mfomsoɔ; Ɔteneneeni ne nokwafoɔ ne no.
”Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo dwanekɔbea; nʼabasa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo. Ɔbɛpam wʼatamfoɔ afiri wʼanim; Ɔno na ɔteaam sɛ, ‘Sɛe wɔn!’
”“Obiara nyɛ kronkron sɛ AWURADE! Obi bi nka wo ho; Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Onyankopɔn.
”“Na ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so? Mpo, sɛ ɔsorosoro sua ma wo a, ɛdeɛn na yɛbɛka afa Asɔredan a masi yi ho!
”Nanso, AWURADE hunuu Israelfoɔ mmɔbɔ enti, wɔn ase antɔre. Esiane apam a na ɔne Abraham, Isak ne Yakob ayɛ no enti, ɔhunuu wɔn mmɔbɔ. Na ɛbɛsi ɛnnɛ, ɔntɔree wɔn ase, na ɔmpamoo wɔn mfirii nʼanim.
”Monna AWURADE ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
”“Afei, me ba Salomo, hunu wʼagyanom Onyankopɔn. Fa wʼakoma ne wʼadwene nyinaa sɔre no, na som no. Ɛfiri sɛ, Awurade hunu akoma biara mu, enti ɔhunu na ɔnim emu nhyehyɛeɛ ne nsusuiɛ biara. Sɛ wohwehwɛ no a, wobɛhunu no. Na sɛ wopo no a, ɔbɛpo wo afebɔɔ.
”Kɛseyɛ, ahoɔden, animuonyam, nkonimdie ne tumi yɛ wo dea Ao AWURADE. Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo dea, Ao AWURADE, na ahennie yi nso wɔ wo. Yɛma wo so sɛ wone adeɛ nyinaa so otumfoɔ. Ahonya ne animuonyam firi wo nko ara, ɛfiri sɛ, woyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ. Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam na wopɛ mu na wofiri ma nnipa yɛ kɛseɛ na wɔnya ahoɔden.
”Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao AWURADE, yɛn agyanom Onyankopɔn, wo nko ne Onyankopɔn a wote soro. Wo na wodi ahennie a ɛwɔ asase nyinaa so. Woyɛ otumfoɔ ne ɔkɛseɛ a obiara ntumi ne wo nni asie.
”Ao AWURADE, Israel Onyankopɔn woyɛ teneneeni. Yɛnka hwee sɛ nkaeɛfoɔ a wɔafiri nkoasom mu. Yɛde yɛn afɔdie gyina wʼanim a anka saa tebea yi mu, yɛn mu biara rentumi nnyina wʼanim.”
”Wo nko ara ne AWURADE. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne ɔsoro mu ɔsoro ne nsoromma nyinaa. Wo na wobɔɔ asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Wo na wokora biribiara so ma no nkwa, na ɔsoro abɔfoɔ nyinaa som wo.
”“Wobɛtumi ate Onyankopɔn anwanwadeɛ ase anaa? Wobɛtumi abɔre ahunu deɛ Otumfoɔ no tumi kɔpem anaa?
”“Menim sɛ wotumi yɛ nneɛma nyinaa; obiara rentumi nsɛe wo nhyehyɛeɛ.
”Deɛ ɔte adwa so wɔ soro no sere; AWURADE di wɔn ho fɛw.
”Onyankopɔn yɛ ɔtemmufoɔ teneneeni, Onyame a ɔda nʼabufuo adi da biara.
”Dawid dwom. Ɔkwasea ka wɔ nʼakoma mu sɛ, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔaporɔ, na wɔn nneyɛɛ yɛ fi na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa. AWURADE firi ɔsoro hwɛ adasamma sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn. Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.
”Da wo dɔ nwanwasoɔ no adi wo a wode wo nsa nifa gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa firi wɔn atamfoɔ nsam.
”Dawid dwom. Ɔsoro ka Onyankopɔn animuonyam ho asɛm! Ewiem pae mu ka ne nsa ano adwuma,
”Dawid dwom. AWURADE ne me hwɛfo, hwee renhia me.
”AWURADE nne mu wɔ tumi; AWURADE nne mu wɔ animuonyam.
”AWURADE hwɛ adasamma nyinaa firi soro. Ɔfiri nʼatenaeɛ hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa.
”Amumuyɛfoɔ bɔ pɔ bɔne tia ateneneefoɔ na wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so; nanso, AWURADE sere amumuyɛfoɔ, na ɔnim sɛ wɔn nna abɛn.
”Ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ asase nyinaa so Ɔhene. Monto ahurisie nnwom mma no. Onyankopɔn di ɔhene wɔ amanaman no so Onyankopɔn te nʼahennwa kronkron so.
”Mpamo me mfiri wʼanim na ɛnyi wo Honhom Kronkron mfiri me mu.
”Ao AWURADE, gye me so firi wʼadɔeɛ a ɛyɛ no mu; wʼadom enti, dane bɛhwɛ me.
”Nhyira nka ne din a animuonyam ahyɛ no ma no daa daa. Ma nʼanimuonyam nhyɛ ewiase nyinaa ma. Amen! Amen!
”Ao AWURADE, woyɛ, na wode bɔne kyɛ, wowɔ ɔdɔ mmorosoɔ ma wɔn a wɔsu frɛ wo nyinaa.
”Ao AWURADE, onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo; na wɔn nnwuma biara nto wo deɛ. Ao AWURADE, aman a woakyekyere nyinaa bɛba abɛsom wo wɔ wʼanim; wɔbɛba abɛhyɛ wo din animuonyam. Woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwa nnwuma; wo nko ara ne Onyankopɔn.
”Nanso wo, Ao AWURADE, woyɛ mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ Onyankopɔn, wo bo kyɛre fu, na wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso.
”Wʼahennwa no fapem yɛ tenenee ne atɛntenenee; adɔeɛ ne nokorɛdie di wʼanim.
”Ansa na wɔrebɛbɔ mmepɔ anaasɛ worebɛda asase ne ewiase adi no, na woyɛ Onyankopɔn firi mmerɛsanten kɔsi mmerɛsanten.
”Wo, Ao AWURADE ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa; wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu.
”AWURADE di ɔhene, momma amanaman no ho mpopo; ɔte nʼahennwa so wɔ Kerubim ntam, ma asase nwoso.
”Momma AWURADE yɛn Onyankopɔn so na monsɔre no wɔ ne bepɔ kronkron no so, na AWURADE yɛn Onyankopɔn yɛ kronkron.
”AWURADE yɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa; ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.
”Ahyɛaseɛ no, wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma. Ne nyinaa bɛtwam, na wo deɛ, wobɛtena hɔ daa; wɔbɛtete te sɛ atadeɛ. Wobɛsesa wɔn te sɛ ntoma na wɔbɛto wɔn agu. Nanso, wote sɛdeɛ woteɛ, na wo mfeɛ to rentwa da.
”Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne AWURADE, ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.
”Na sɛdeɛ ɔsoro ne asase ntam ware no, saa ara na nʼadɔeɛ so wɔ wɔn a wɔsuro no so. Sɛdeɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no, saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware.
”Nanso ɛfiri mmerɛsanten kɔsi nnasanten AWURADE adɔeɛ wɔ wɔn a wɔsuro no so, na ne tenenee wɔ wɔn mma mma so, wɔn a wɔdi nʼapam no so na wɔkae di ne mmara so. AWURADE asi nʼahennwa wɔ soro, na nʼahennie di adeɛ nyinaa so.
”Ao me ɔkra, kamfo AWURADE! Ao AWURADE me Onyankopɔn, woyɛ ɔkɛseɛ! Wɔafira tumi ne animuonyam. Ɔde hann akata ne ho sɛ atadeɛ; ɔtrɛ ɔsoro mu te sɛ ntomadan,
”Monna AWURADE ase na ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
”Wɔama AWURADE so aman nyinaa so, nʼanimuonyam tra ɔsorosoro.
”Yɛn Onyankopɔn wɔ ɔsoro; deɛ ɔpɛ biara na ɔyɛ.
”AWURADE yɛ deɛ ɔpɛ biara, wɔ ɔsoro ne asase so, ɛpo ne emu abunu nyinaa.
”Monna AWURADE ase na ɔyɛ. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
”Monna awuranom mu Awurade no ase. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
”Ɔno na ɔfiri ne nteaseɛ mu bɔɔ ɔsoro. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
”Monna ɔsorosoro Onyankopɔn no ase. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
”Ɛhe na mɛtumi afiri wo honhom anim akorɔ? Ɛhe na mɛtumi adwane afiri wʼanim akorɔ? Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ. Na mekɔsɛ me kɛtɛ wɔ asaman a, wo nie.
”AWURADE so, na ɔsɛ nkamfo kɛseɛ; obiara rentumi nsusu ne kɛseyɛ.
”Wɔbɛka wʼanimuonyam ne wo tumi a ɛhran no ho asɛm, na mɛdwene wʼanwanwadwuma ho.
”AWURADE yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ; ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.
”AWURADE tene wɔ nʼakwan nyinaa mu; na ɔyɛ adɔeɛ ma deɛ wayɛ nyinaa. AWURADE bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa.
”Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfoɔ, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa AWURADE a ɔyɛ nokwafoɔ daa no. Ɔdi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, na ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane. AWURADE gyaa nneduafoɔ,
”Ɔnim nsoromma no dodoɔ na ɔde obiara din frɛ no. Yɛn AWURADE so, na ne tumi yɛ kɛseɛ; yɛrente nʼase nwie.
”Medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me no hunu me.
”AWURADE ani hunu baabiara, na ɛhwɛ amumuyɛfoɔ ne apapafoɔ.
”Hwan na waforo akɔ soro na wasiane aba fam? Hwan na wabɔ mframa boa wɔ ne nsa mu? Hwan na ɔde nʼatadeɛ abɔ nsuo boa? Hwan na ɔbɔɔ asase hahanaa yi? Ne din de sɛn, na ne ba barima nso din de sɛn? Sɛ wonim a ka kyerɛ me!
”Kɔhyɛne abotan no mu, fa wo ho kɔsie asase no mu ɛsiane AWURADE ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ nti!
”Na obiara team kyerɛ ne yɔnko sɛ, “Kronkron! Kronkron! Kronkron ne Asafo AWURADE; Nʼanimuonyam ahyɛ asase nyinaa so ma!”
”Asafo AWURADE nko ara na ɛsɛ sɛ wobu no kronkron, ɔno na ɛsɛ sɛ wosuro no, ɔno na ne ho yɛ hu,
”Ɛfiri sɛ, wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin, na amammuo no bɛda ne mmati so. Na wɔbɛfrɛ no Ɔfotufoɔ Nwanwani, Otumfoɔ Onyankopɔn, Daa Agya, Asomdwoeɛ Wura.
”AWURADE Honhom bɛtena no so: nyansa ne nteaseɛ Honhom, afotuo ne tumi Honhom, nimdeɛ ne AWURADE suro Honhom.
”Nanso, AWURADE pɛ sɛ ɔdom mo; ɔbɛma ne ho so akyerɛ wo nʼahummɔborɔ. Ɛfiri sɛ AWURADE yɛ ɔteneneeni Onyankopɔn. Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!
”Na AWURADE ne yɛn ɔtemmufoɔ, AWURADE ne yɛn mmarahyɛfoɔ, AWURADE ne yɛn ɔhene; na ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.
”Aman nyinaa nsɛ hwee wɔ nʼanim; ɔbu wɔn adehunu bi a wɔnka hwee. Afei hwan ho na wode Onyankopɔn bɛtoto? Nsɛsodeɛ bɛn ho na wode no bɛtoɔ?
”Ɔte ahennwa so wɔ asase kanko no atifi. Ɛso nnipa te sɛ ntutummɛ ɔtwe ɔsoro mu te sɛ ntwamutam, na ɔde yɛ ntomadan tena mu.
”Wonnim anaa? Wonteeɛ anaa? AWURADE yɛ daapem Onyankopɔn, na ɔyɛ asase nyinaa yɛfoɔ. Ɔremmrɛ na ɔrentɔ bera, na ne nhunumu nni nhwehwɛmu.
”“Mene AWURADE; me din ne no! Meremfa mʼanimuonyam mma obi anaa mʼayɛyie mma ahoni.
”“Mone mʼadansefoɔ, ne me ɔsomfoɔ a mapa no,” sei na AWURADE seɛ, “sɛdeɛ mobɛhunu na moagye me adie na moate aseɛ sɛ me ne no. Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim, na mʼakyi nso obiara remma. Me, Me ara, Mene AWURADE, na agyenkwa biara nni hɔ sɛ me.
”“Sei na AWURADE Israelhene ne Ɔgyefoɔ, Asafo AWURADE seɛ: Mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ; Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ me.
”“Sei na AWURADE seɛ, wo Gyefoɔ a ɔnwonoo wo wɔ awotwaa mu no: “Mene AWURADE, deɛ wayɛ nneɛma nyinaa, deɛ ɔno nko ara trɛɛ ɔsoro mu deɛ ɔno nko ara twee asase mu,
”sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛfiri deɛ owia pue kɔsi beaeɛ a ɛtɔ no nnipa bɛhunu sɛ obiara nka me ho. Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio. Meyɛ hann, na mebɔ esum. Mede yiedie ba na mede ɔhaw ba; Me, AWURADE, na meyɛ yeinom nyinaa.
”Na sei na AWURADE seɛ, deɛ ɔbɔɔ ɔsorosoro no ɔno ne Onyankopɔn; deɛ ɔmaa asase, na ɔbɔeɛ no, ɔno na ɔtoo ne fapem; wammɔ no sɛ ɛso nna hɔ kwa, mmom ɔyɛeɛ sɛ nnipa ntena so, ɔka sɛ: “Me ne AWURADE, na obi nni hɔ.
”Mompae mu nka deɛ ɛbɛsi. Momfa nto dwa na wɔn mmɔ mu ntu agyina. Hwan na ɔdii ɛkan kaa no teteete, hwan na ɔdaa no adi firi tete nteredee? Ɛnyɛ me AWURADE anaa? Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho, tenenee Onyankopɔn ne Agyenkwa; obiara nni hɔ sɛ me. “Monnane mmra me nkyɛn na monnya nkwa, mo a mowɔ asase ano nyinaa; ɛfiri sɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ.
”Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no; Me ne Onyankopɔn, na obi nni hɔ; Me ne Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me. Meda awieeɛ adi firi ahyɛaseɛ, ɛfiri tete, meka deɛ ɛrennya mmaeɛ. Meka sɛ: Mʼatirimpɔ bɛgyina, na mɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.
”Na wo Bɔfoɔ yɛ wo kunu Asafo AWURADE ne ne din, Israel Ɔkronkronni no yɛ wo Gyefoɔ. Wɔfrɛ no asase nyinaa so Onyankopɔn.
”“Na mʼadwene nnyɛ mo adwene, na mo akwan nso nnyɛ mʼakwan,” sɛdeɛ AWURADE seɛ nie. “Sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no, saa ara na mʼakwan korɔn sene mo akwan, na mʼadwene nso korɔn sene mo adwene.
”Na yei ne deɛ ɔkorɔn no, deɛ ɔte ase daa a ne din yɛ kronkron no seɛ: “Mete beaeɛ a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron, me ne deɛ ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te, sɛ mɛkanyane honhom mu hiani no honhom, na makanyane nʼakoma a abubu no.
”Yei ne deɛ AWURADE seɛ: “Ɔsoro yɛ mʼahennwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ. Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me? Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me?
”Nanso, AWURADE ne nokorɛ Onyankopɔn no; ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ, daapem Ɔhene no. Sɛ ne bo fu a, asase woso; na amanaman no ntumi nnyina nʼabufuhyeɛ ano.
”Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase; ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa mu na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu.
”“Ɛno enti mɛkyerɛkyerɛ wɔn, saa ɛberɛ yi deɛ mɛkyerɛ wɔn me tumi ne mʼahoɔden. Afei wɔbɛhunu sɛ me din ne AWURADE.
”Obi bɛtumi de ne ho asie baabi a merentumi nhunu no anaa?” AWURADE na ɔseɛ. “Menyɛɛ ɔsoro ne asase so ma anaa?” AWURADE na ɔseɛ.
”AWURADE daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kane no na ɔkaa sɛ, “Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ mo mede adɔeɛ atwe mo.
”Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio, anaa ne nua sɛ, ‘Hunu AWURADE,’ Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me, ɛfiri wɔn mu akumaa so, kɔsi ɔkɛseɛ so,” Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie. “Na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ wɔn, na merenkae wɔn bɔne bio.”
”“Ao, Otumfoɔ AWURADE, wo na wonam wo tumi ne wo basa a woatene muo so abɔ ɔsoro ne asase. Biribiara nyɛ den mma wo. Woyi ɔdɔ adi kyerɛ mpempem, nanso wotua agyanom amumuyɛ so ka gu wɔn mma a wɔdi wɔn akyi srɛ so. Ao, Onyankopɔn a woso na wowɔ tumi, wo din ne Asafo AWURADE,
”“Mene AWURADE adasamma nyinaa Onyankopɔn. Na biribi yɛ den dodo ma me anaa?
”na ɔkaa sɛ, “Nkamfoɔ nka Onyankopɔn din daa nyinaa, ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi. Ɔno na ɔsesa mmerɛ ne nnipa hyɛberɛ; ɔsi ahene, na ɔtu wɔn adeɛ so. Ɔma anyansafoɔ hunu nyansa, na ɔma nhunumu ho nimdeɛ. Ɔda nneɛma a emu dɔ na ɛyɛ nwanwa adi, na ɔnim deɛ ahinta wɔ sum mu; hann atwa ne ho ahyia.
”Mɛware wo afebɔɔ; mɛyi tenenee ne atɛntenenee, ahummɔborɔ ne ayamhyehyeɛ akyerɛ wo.
”Asafo AWURADE Onyankopɔn, AWURADE ne ne din a ahyeta!
”Deɛ ɔyɛ mmepɔ na ɔbɔ mframa na ɔda nʼadwene adi kyerɛ nnipa, deɛ ɔma adekyeɛ hann dane esum na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so no. Asafo AWURADE Onyankopɔn ne ne din.
”AWURADE yɛ ninkunfoɔ ne aweretɔ Onyankopɔn, AWURADE tɔ wedeɛ na abufuo ahyɛ no ma. AWURADE tɔ nʼatamfoɔ so wedeɛ na nʼabufuo tena wɔn so. AWURADE bo kyɛre fu, na ne tumi so, na ɔtwe ɔfɔdifoɔ aso. Ne kwan wɔ ntwahoframa ne ahum mu, omununkum yɛ ne nan ase mfuturo.
”Na AWURADE animuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase nyinaa ma, sɛdeɛ nsuo hyɛ ɛpo ma no.
”AWURADE wo Onyankopɔn ne wo wɔ hɔ, Ɔyɛ ɔgyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ. Nʼani bɛgye wo ho ɔfiri ne dɔ mu bɛdwodwo wo, ɔde nnwontoɔ bɛma nʼani agye wo ho.
”Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Monnka ntam mfa nhyɛ bɔ. Monnnɔ ɔsoro, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn ahennwa. Monnnɔ fam, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn nan ase adwa. Monnnɔ Yerusalem, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɔhenkɛseɛ kuropɔn.
”Enti monyɛ pɛ sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ pɛ no.
”“Enti, saa ɛkwan yi so na momfa mmɔ mpaeɛ: “ ‘Yɛn Agya a wowɔ ɔsoro, wo din ho nte.
”Mma yɛnkɔ sɔhwɛ mu. Na yi yɛn firi ɔbɔnefoɔ no nsam.’
”Asɛnka no akyi, Yesu bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɔsoro ne asasewura, meda wo ase sɛ woanna nokorɛ no adi ankyerɛ wɔn a wɔsusu sɛ wɔyɛ anyansafoɔ, na mmom, wodaa nokorɛ no adi kyerɛɛ mmɔfra nkumaa.
”Yesu hwɛɛ wɔn buaa sɛ, “Onipa fa mu deɛ, ɛyɛ den; na Onyankopɔn fa mu deɛ, ɛyɛ mmerɛ.”
”‘Mene Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn no?’ Yei kyerɛ sɛ. Onyankopɔn nyɛ awufoɔ Onyankopɔn na mmom, ateasefoɔ Onyankopɔn.”
”“Na sɛ Onipa Ba no ba nʼanimuonyam mu a abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, saa ɛberɛ no na ɔbɛtena nʼanimuonyam ahennwa no so. Na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano nʼanim. Na ɔbɛpa nnipa no mu sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ pa nnwan firi mpɔnkye mu;
”Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti, monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafoɔ. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,
”Yesu hwɛɛ wɔn dinn kaa sɛ, “Onipa fam deɛ, yei rentumi mma mu, na Onyankopɔn fam deɛ, biribiara bɛtumi aba mu.”
”Yesu buaa no sɛ, “Deɛ ɛkyɛn ne nyinaa ne deɛ ɛka sɛ, ‘Israel, tie! Awurade, yɛn Onyankopɔn, yɛ Awurade korɔ;
”Yesu buaa no sɛ, “Mene no, na mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyankopɔn nifa, na ɔnam omununkum mu resane aba asase so.”
”Afei, Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no firii Asubɔnten Yordan ho maa Honhom no de no kɔɔ Yudea ɛserɛ so.
”Monyɛ mmɔborɔhunufoɔ sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ mmɔborɔhunufoɔ no.
”Saa ɛberɛ no ara mu, Yesu de Honhom Kronkron mu anigyeɛ bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɔsoro ne asasewura, meda wo ase sɛ wode saa nneɛma yi ahinta wɔn a wɔsusu sɛ wɔyɛ anyansafoɔ, na mmom woada nokorɛ no adi akyerɛ wɔn a wɔde ahobrɛaseɛ gye wo di sɛ mmɔfra no. Nanso, Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa.
”Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ morebɔ mpaeɛ a, monka sɛ, “‘Agya, wo din ho nte, wʼahennie mmra.
”Ansa na wɔrebɛbɔ ewiase no, na Asɛm no wɔ hɔ dada. Na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Na Asɛm no yɛ Onyankopɔn. Ahyɛaseɛ no, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Ɛnam ne so na wɔbɔɔ adeɛ nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara.
”“Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ ewiase nie; sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no anyera, na mmom wanya nkwa a ɛnni awieeɛ.
”Agya no dɔ ne Ba no enti ɔde biribiara so tumi ahyɛ ne nsa.
”Onyankopɔn yɛ Honhom, na wɔn a wɔsom no no, ɛsɛ sɛ wɔsom no Honhom ne nokorɛ mu.”
”Yesu kaa sɛ, “Mene burodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no, ɛkɔm anaa osukɔm renne no da.
”Mene burodo a ɛma nkwa no.
”Mene burodo a ɛfiri ɔsoro no; sɛ obi di saa burodo yi a, ɔbɛtena ase daa. Burodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no, ne me honam a mede ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ewiase bɛnya nkwa.”
”Yesu sane toaa ne kasa no so ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Mene ewiase hann no. Obiara a ɔdi mʼakyi no rennante sum mu da, na ɔbɛnya hann a ɛkyerɛ nnipa ɛkwan ma wɔkɔ nkwa mu.”
”Medi me ho adanseɛ na mʼAgya a ɔsomaa me no nso di me ho adanseɛ.”
”Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, mofiri asase so ha, nanso me deɛ, mefiri ɔsoro na mebaeɛ. Mo deɛ, mofiri ewiase, nanso me deɛ, memfiri ewiase,
”Yesu buaa sɛ, “Mereka nokorɛ pefee akyerɛ mo sɛ, ansa na wɔrebɛwo Abraham no, na mete ase.”
”“Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Odwanhwɛfoɔ pa no ne obi a ɔtumi de ne nkwa to hɔ ma ne nnwan.
”Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me na menyane awufoɔ ma wɔn nkwa. Obiara a ɔgye me di no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛsane anya nkwa.
”Yesu buaa sɛ, “Mene ɛkwan no, ne nokorɛ no, ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ, gye sɛ ɔfa me so.” Yesu kaa bio sɛ, “Afei a moahunu onipa ko a meyɛ yi, saa ara nso na mobɛhunu mʼAgya no, na ɛfiri saa ɛberɛ yi monim no, ɛfiri sɛ, moahunu no!”
”Honhom Kronkron no a ɔne ɔboafoɔ a Agya no bɛsoma no me din mu no, bɛkyerɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo biribiara a maka akyerɛ mo no.
”Ɔdɔ biara nsene sɛ obi bɛwu ama ne nnamfonom.
”Yesu kaa sɛ, “Me ni” no, wɔpinpinii wɔn akyi na wɔhwehwee ase.
”Afei, asuafoɔ no bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade, wonim obiara akoma mu. Ɛno enti, kyerɛ yɛn nnipa baanu yi mu deɛ woayi no,
”“Nanso, ɔsorosoro Onyankopɔn nte ɛdan a nnipa asi mu, sɛdeɛ odiyifoɔ no ka sɛ, “ ‘Ɔsoro yɛ mʼahennwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ. Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me? Awurade na ɔseɛ. Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me?
”“Onyankopɔn a ɔbɔɔ ewiase ne nneɛma a ɛwɔ mu nyinaa no na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase. Awurade no nte asɔredan a nnipa asi mu.
”Onyankopɔn da nʼabufuo adi firi ɔsoro de tia nnebɔneyɛfoɔ nyinaa ne nnipa a wɔde nokorɛ no hinta afoforɔ no. Ɛfiri sɛ Onyankopɔn ada ne nokwasɛm no adi wɔ wɔn mu, na ɔde ne ho nimdeɛ ahyɛ wɔn akoma mu. Ɛfiri ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ ewiase no, ne tumi a ɛwɔ hɔ daa no ne ne nyamesu no ada adi. Nnipa nam Onyankopɔn abɔdeɛ so tumi hunu saa nneɛma yi, enti wɔnni anoyie biara.
”Nanso, Onyankopɔn da ne dɔ adi wɔ yei mu sɛ; ɛberɛ a yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.
”Megye medi ampa sɛ owuo anaa nkwa anaa abɔfoɔ anaa atumfoɔ anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi anaa ɔsoro anaa ɛfam anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.
”Ao Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Hwan na ɔbɛtumi ahunu nʼatemmuo mu pɛɛpɛeɛ, na wɔahunu deɛ nʼakwan nenam. “Hwan na ɔnim Awurade adwene anaasɛ hwan na ɔyɛ ne fotufoɔ?” “Hwan na wama Onyankopɔn biribi kane a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn tua no so ka?” Ɛfiri sɛ, adeɛ nyinaa firi ne mu na ɛba, na ɛnam ne so na ɛba, na ɛbɛsane akɔ ne nkyɛn bio. Ɔno na animuonyam wɔ no daa daa. Amen.
”Enti, mo gyidie nnyina onipa nyansa so, na mmom, ɛgyina Onyankopɔn tumi so.
”Onyankopɔn Ahennie no nyɛ nsɛnkeka na ɛyɛ tumi.
”Yɛwɔ Onyame baako pɛ a ɔyɛ Agya. Ɔno na ɔbɔɔ adeɛ nyinaa, na yɛte ase ma no. Yesu Kristo ne yɛn Awurade a Agya no nam ne so yɛɛ adeɛ nyinaa, na ɔmaa yɛn nkwa.
”ɛberɛ a ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu na ɔde no tenaa ne nifa so wɔ ɔsoro ahemman no mu no. Saa tumi yi korɔn sene mpaninnie ne tumidie, ahoɔden ne kɛseyɛ, ne diberɛ biara a wɔtumi de ma saa ɛberɛ yi ne ɛberɛ a ɛbɛba no mu. Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ Kristo nan ase, na ɔde no ayɛ nneɛma nyinaa ti ama asafo no, a ɛne ne onipadua. Ɔno ne deɛ ɔhyɛ adeɛ nyinaa ma wɔ akwan nyinaa mu.
”Nanso, ɛsiane nʼadɔyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn enti, Onyankopɔn a nʼahummɔborɔ dɔɔso no
”Ɔno enti yɛwɔ Honhom baako a yɛnam no so kɔ Agya no nkyɛn.
”Yɛwɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya a ɔdi yɛn nyinaa so. Ɔnam yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu nso.
”Monnhyɛ Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ.
”Yei enti, Onyankopɔn maa no so kɔɔ beaeɛ a ɛkorɔn koraa, maa no din a ɛdi din nyinaa so. Na ɛno enti, sɛ wɔbɔ Yesu din a, ɔsorofoɔ ne asase sofoɔ ne asase asefoɔ nkotodwe nyinaa bɛkoto no. Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka sɛ, Yesu Kristo ne Awurade, de ahyɛ Agya Onyankopɔn animuonyam.
”Kristo yɛ Onyankopɔn a wɔnhunu no no sɛso. Ɔno ne abɔdeɛ nyinaa farebae. Ɛfiri sɛ, ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu, honhom mu atumfoɔ, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ ewiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso. Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara, na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ. Asafo no yɛ ne onipadua; na ɔno na ɔyɛ asafo no ti. Ɔno na onipadua no nkwa firi no. Ɔno ne Abakan a wɔnyanee no firii awufoɔ mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔno nko ara bɛdi adeɛ nyinaa mu ɛkan. Ɛfiri Onyankopɔn no ankasa pɛ mu na Ɔba no wɔ Onyankopɔn su nyinaa wɔ ne mu.
”Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn tebea nyinaa ara te Kristo onipadua mu, na mo nso Kristo ahyɛ mo ma, na tumidie ne mpaninnie biara hyɛ Kristo ase.
”Animuonyam ne anidie nka Onyankopɔn daa daa. Ɔno ne mmerɛsantenhene. Ɔno na wɔnhunu no na ɔnwu da nso. Ɔno nko ara ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen.
”Ɔno nko na ɔwɔ hɔ daa, ɔte hann a obi ntumi mmɛn ho mu. Obiara nhunuu no da na obiara nso rentumi nhunu no da. Ɔno na anidie ne tumi a ɛnni awieeɛ wɔ no. Amen.
”Mmerɛ a atwam no, na Onyankopɔn nam akwan ahodoɔ bebree so fa adiyifoɔ so kasa kyerɛ yɛn mpanimfoɔ. Nanso, mmerɛ a ɛdi akyire no deɛ, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na Onyankopɔn nam ne so bɔɔ ewiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awieeɛ no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne dea. Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn animuonyam hyerɛn no so hran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no sɔ ewiase mu. Ɔtee nnipa ho firii wɔn bɔne mu wieeɛ no, ɔtenaa Otumfoɔ Onyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro.
”Na ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kaa sɛ, “Ao, Onyankopɔn, wʼahennwa bɛtena hɔ daa nyinaa; wʼAhennie yɛ atɛntenenee.
”Biribiara nni hɔ a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yie. Abɔdeɛ mu biribiara da nʼanim na ɔno na ɛsɛ sɛ yɛbu yɛn ho akonta kyerɛ no.
”ɛfiri sɛ, nokorɛ ni, yɛn Onyankopɔn yɛ ogya a ɛhye na ɛsɛe adeɛ.
”Yesu Kristo te saa ara nnora, ɛnnɛ ne daa nyinaa.
”Akyɛdeɛ pa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi ɔsoro; ɛfiri Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro hann no nkyɛn na ɛba. Ɔno na ɔnsesa sɛ sunsum.
”Wogye di sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ? Ɛyɛ! Ahonhommɔne nso gye di saa ara na wɔn ho popo wɔ suro mu.
”Kristo kɔ ɔsoro afei, na ɔte Onyankopɔn nifa so na ɔdi ɔhene wɔ abɔfoɔ nyinaa ne ewiem atumfoɔ so.
”Yɛwɔ hɔ bi na Agya Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam ɛberɛ a nne bi firi Animuonyam kɛseɛ mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani!” no.
”Afei, yei ne asɛm a yɛate afiri ne Ba no nkyɛn a yɛrebɔ mo amaneɛ. Onyankopɔn yɛ hann a esum nni ne mu koraa.
”Obi a ɔnni ɔdɔ no nnim Onyankopɔn ɛfiri sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔdɔ.
”Na yɛn ankasa nim na yɛgye Onyankopɔn dɔ a ɔde dɔ yɛn no di. Onyankopɔn yɛ ɔdɔ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu.
”Adansefoɔ baasa na wɔwɔ hɔ. Honhom no, nsuo no ne mogya no. Saa adansefoɔ yi adwene hyia.
”Yɛnim sɛ Onyankopɔn Ba no aba, na wama yɛahunu nokorɛ Onyankopɔn no. Ɔno ne Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔma daa nkwa no.
”Onyankopɔn korɔ a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na animuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmerɛ a atwam, ne ɛnnɛ ne daa nyinaa. Amen.
”Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ no se, “Mene Alfa ne Omega a ɔwɔ hɔ seesei na ɔwɔ hɔ dada na ɔrebɛba no.”
”“Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ ɔwɔ asafo a ɛwɔ Sardi no sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri deɛ ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no nkyɛn. Menim deɛ woreyɛ. Menim sɛ woagye din sɛ wote ase, nanso woawu.
”Prɛko pɛ, na Honhom no faa me. Na ahennwa bi si ɔsoro hɔ a obi te so. Na nʼanim hyerɛn te sɛ ahwehwɛboɔ ne mogyanamboɔ. Na nyankontɔn a ɛte sɛ ahahammonoboɔ atwa ahennwa no ho ahyia. Na ahennwa nketewa aduonu nan atwa ahennwa kɛseɛ no ho ahyia a mpanimfoɔ aduonu ɛnan na wɔtete so a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitaa ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛ. Na anyinam ne aprannaa bobom firi ahennwa no mu. Na nkanea nson a wɔasosɔ redɛre wɔ ahennwa no anim. Yeinom yɛ Onyankopɔn ahonhom nson. Na biribi te sɛ ahwehwɛ ɛpo a ɛyɛ korɔgyenn sɛ ahwehwɛ da ahennwa no anim. Ahennwa no fa biara, na ateasefoɔ baanan a ani tuatua wɔn anim ne wɔn akyi atwa ahennwa no ho ahyia. Na ɔteasefoɔ a ɔdi ɛkan no te sɛ gyata; deɛ ɔtɔ so mmienu no te sɛ nantwie ba; deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no anim te sɛ onipa; ɛnna deɛ ɔtɔ so nan no te sɛ ɔkɔdeɛ a ɔretu. Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia a ani tuatua akyire ne animu nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa na wɔto dwom sɛ, “Kronkron, Kronkron ne Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ a ɔtenaa hɔ na ɔwɔ hɔ na ɔrebɛba no.” Saa ateasefoɔ baanan no to nnwom de hyɛ deɛ ɔte ahennwa no so a ɔte hɔ daa daa no animuonyam, de ma no anidie, da no ase. Sɛ wɔyɛ saa a, mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutu deɛ ɔte ahennwa no so no anim som deɛ ɔte hɔ daa daa no. Wɔto wɔn ahenkyɛ gu ahennwa no anim ka sɛ: “Yɛn Awurade ne Onyankopɔn, wofata sɛ wonya animuonyam, anidie ne tumi, ɛfiri sɛ, wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ mu enti na wɔte hɔ.”
”Afei, mehunuu Odwammaa bi sɛ ɔgyina ahennwa no mfimfini a ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no atwa ne ho ahyia. Wɔhwɛ a na ɛsɛ deɛ wɔakum Odwammaa no. Na ɔwɔ mmɛn nson ne aniwa nson a ɛgyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom nson no a wɔasoma wɔn aba ewiase no.
”Na metee sɛ abɔdeɛ a wɔwɔ ɔsoro, asase so, asase ase ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ɛpo mu ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ewiase nyinaa reto dwom sɛ, “Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi, nka deɛ ɔte ahennwa no so ne Odwammaa no, daa daa!”
”Ɔteaam sɛ, “Monsuro Onyankopɔn na monkamfo ne kɛseyɛ. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ no aduru sɛ ɔbu adasamma atɛn. Monsom deɛ ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne nsutire no!”
”Afei, metee nne bi te sɛ nnipadɔm a ɛte sɛ nsuworosoɔ ne aprannaa a ɛrepaapae a ɛreteam sɛ, “Haleluia! Yɛn Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn di ɔhene.
”Na wɔatwerɛ edin agu nʼatadeɛ mu ne ne srɛ ho sɛ: ahene mu ɔhene ne awuranom mu awurade.
”Na manhunu asɔredan wɔ kuro no mu baabiara ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ ne Odwammaa no ne asɔredan. Na owia anaa ɔsrane hann nhia kuro no ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ne Odwammaa no animuonyam hyerɛn wɔ hɔ.
”Mene Alfa ne Omega, Ɔkannifoɔ ne Okyidifoɔ, Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ.
”