21 – Monyi Awurade ayɛ

Eyi ne nsɛm kronkron a Onyankopɔn Otumfuo de.
Ɛnyɛ nnipa nsɛm na yɛdi so.
Ma obiara a ɔdɔ Onyankopɔn… eyi ne nea Onyankopɔn ka fa ho: Monyi Awurade ayɛ.

Nkyerɛwsɛm mmiɛnsa a ɛho hia paa

Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia a ani tuatua akyire ne animu nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa na wɔto dwom sɛ, “Kronkron, Kronkron ne Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ a ɔtenaa hɔ na ɔwɔ hɔ na ɔrebɛba no.” Saa ateasefoɔ baanan no to nnwom de hyɛ deɛ ɔte ahennwa no so a ɔte hɔ daa daa no animuonyam, de ma no anidie, da no ase. Sɛ wɔyɛ saa a, mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutu deɛ ɔte ahennwa no so no anim som deɛ ɔte hɔ daa daa no. Wɔto wɔn ahenkyɛ gu ahennwa no anim ka sɛ: “Yɛn Awurade ne Onyankopɔn, wofata sɛ wonya animuonyam, anidie ne tumi, ɛfiri sɛ, wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ mu enti na wɔte hɔ.”

Yei enti, Onyankopɔn maa no so kɔɔ beaeɛ a ɛkorɔn koraa, maa no din a ɛdi din nyinaa so. Na ɛno enti, sɛ wɔbɔ Yesu din a, ɔsorofoɔ ne asase sofoɔ ne asase asefoɔ nkotodwe nyinaa bɛkoto no. Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka sɛ, Yesu Kristo ne Awurade, de ahyɛ Agya Onyankopɔn animuonyam.

Kora mma dwom. Ao Asafo AWURADE, wʼatenaeɛ hɔ yɛ ahomeka! Me kra pere, mpo ɛtɔ piti, sɛ ɔbɛkɔ AWURADE adihɔ; mʼakoma ne me honam team frɛ Onyankopɔn ɔteasefoɔ. Mpo akasanoma anya fie, na asomfena nso anwono ne pirebuo, baabi a ɔbɛhwane ne mma wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn wʼafɔrebukyia, Ao Asafo AWURADE, me Ɔhene ne me Onyankopɔn. Nhyira nka wɔn a wɔte wo fie; na wɔkamfo wo din daa.

Nkyerɛwsɛm nyinaa wɔ nhyehyɛe pa mu – nkyerɛwsɛm 536

Henok de ne ho bataa Onyankopɔn; afei, obi anhunu no bio, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn faa no kɔeɛ.

Na Salemhene Melkisedek a na ɔyɛ Ɔsorosoro AWURADE Onyankopɔn ɔsɔfoɔ no de burodo ne nsã brɛɛ no. Afei, Melkisedek hyiraa Abram sɛ: “Ɔsorosoro Onyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asase, nhyira nka wo, Abram. Na nhyira nka Ɔsorosoro Onyankopɔn, a ɔde wʼatamfoɔ ahyɛ wo nsam no.” Na Abram maa Melkisedek nneɛma a ne nsa kaeɛ no nyinaa mu biara nkyekyɛmu edu mu baako.

Nanso, Abram ka kyerɛɛ Sodomhene sɛ, “Madi nse aka ntam akyerɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn, ɔsoro ne asase yɛfoɔ sɛ,

Abram de nʼanim butuu fam, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ,

Afei, ɔsomfoɔ no buu nkotodwe, sɔree AWURADE Onyankopɔn sɛ,

Afei, mebɔɔ me mu ase sɔree AWURADE. Mekamfoo AWURADE a ɔyɛ me wura, Abraham Onyankopɔn, a wadi mʼanim de me afa ɛkwan pa so, ama manya me wura nuabarima nana aware ama ne babarima no.

Ɛberɛ a Abraham ɔsomfoɔ no tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔbuu nkotodwe wɔ AWURADE anim.

Prɛko pɛ, na AWURADE ɔbɔfoɔ daa ne ho adi sɛ gyaframa wɔ wira no mu kyerɛɛ no. Mose hunuu sɛ wira no redɛre nanso na ɛnhye.

Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mmɛn me. Yi wo nan mu mpaboa na baabi a wogyina no yɛ asase kronkron.”

Ɔbuaa Mose sɛ, ka sɛ, “Mene deɛ ɔwɔ hɔ daa no. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘ME ARA na wasoma me mo nkyɛn.’ ”

Nanso manyɛ no saa, ɛfiri sɛ, na mepɛ sɛ meda me tumi adi wɔ ewiase afanan nyinaa.

AWURADE de omununkum kyerɛɛ wɔn ɛkwan awia na ɔde ogya nso kyerɛɛ wɔn ɛkwan anadwo. Enti na wɔtumi tu wɔn kwan no awia ne anadwo nyinaa. Ɛberɛ biara na wɔhunu omununkum ne ogya no.

Afei, Onyankopɔn ɔbɔfoɔ a ɔdi Israelfoɔ anim no twee ne ho bɛdii Israelfoɔ no akyi. Na omununkum dum nso bɛdii Israelfoɔ no akyi.

Afei, Mose ne Israelfoɔ too saa dwom yi de kamfoo AWURADE: “Mɛto dwom mama AWURADE, ɛfiri sɛ, wadi nkonim animuonyam mu; Wato ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no agu ɛpo mu. “AWURADE yɛ mʼahoɔden, me dwom ne me nkwagyeɛ. Ɔyɛ me Onyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ mʼagya Onyankopɔn—Mɛma no so.

Wo nsa nifa, Ao, AWURADE, tumi ne animuonyam ahyɛ no ma. Wo nsa nifa, Ao, AWURADE, atete atamfoɔ mu pasaa. “Wo tumi kɛseɛ no mu, wotuu wɔn a wɔtia wo no guiɛ. Womaa wʼabufuhyeɛ bɛhyee wɔn sɛ ogya hye ɛserɛ.

Hwan na ɔte sɛ AWURADE wɔ anyame mu? Hwan na ɔte sɛ wo? Ɔberempɔn wɔ kronkronyɛ mu; deɛ yɛde surokronkron ma nʼanimuonyam, na ɔyɛ anwanwadeɛyɛfoɔ Onyankopɔn.

“AWURADE bɛdi ɔhene akɔsi daa.”

Enti, Aaron frɛɛ wɔn boaa ano, na prɛko pɛ, wɔmaa wɔn ani so kyerɛɛ baabi a omununkum a ɛrekyerɛ wɔn ɛkwan no wɔ no, AWURADE firii mu daa nʼanimuonyam kɛseɛ no adi.

AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Merebɛba wo nkyɛn sɛ omununkum sɛdeɛ ɛbɛyɛ na me ne wo kasa a, nnipa no bɛte me nne na ɛnam so ama wɔagye wo adi daa.

Nnansa so anɔpa pɛpɛɛpɛ, aprannaa a ano yɛ den bobɔɔ mu, ma ayerɛmo pepaeɛ, ma omununkum kabii bi siane firii bepɔ no so. Totorobɛnto bi hyɛnee ntwemu so ma nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ho popoeɛ. Mose dii nnipa no anim firi wɔn atenaeɛ hɔ sɛ wɔrekɔhyia Onyankopɔn. Wɔn nyinaa kɔboaa wɔn ho ano wɔ bepɔ no ase. Wisie kumɔnn kataa Sinai Bepɔ no so, ɛfiri sɛ, AWURADE siane baa so sɛ ogya. Wisie buaa ewiem nyinaa te sɛ deɛ ɛfiri fononoo mu, na asasewosoɔ wosoo bepɔ no dendeenden.

Mose foro kɔɔ bepɔ no so hɔ na ɔyeraa wɔ omununkum mu. Na AWURADE animuonyam hyɛɛ Sinai bepɔ no so ma. Na omununkum sii bepɔ no so nnansia. Ne nnanson so no, ɔfrɛɛ Mose firii omununkum no mu. Wɔn a wɔwɔ bepɔ no ase no hunuu anwanwadeɛ no. Na AWURADE animuonyam a ɛwɔ bepɔ no so no te sɛ ogya a ɛrederɛ. Na Mose yeraa wɔ bepɔ no so wɔ omununkum no mu. Ɔdii bepɔ no so adaduanan.

Na mɛhyia mo wɔ hɔ na makasa afiri mpata beaeɛ wɔ soro hɔ afa abɔfoɔ no ntam. Na adaka no mu na wɔbɛkora mʼapam no ho mmara. Ɛhɔ na mɛda me mmaransɛm a mode bɛma Israelfoɔ no adi akyerɛ mo.

Ɔrewura mu a, omununkum fadum bɛhyia no wɔ ɛkwan no ano na AWURADE nam mu ne Mose akasa. Na nnipa no nyinaa agyina wɔn ntomadan apono ano akoto asɔre omununkum fadum no. Ɛdan no mu, na AWURADE kasa kyerɛ Mose animu ne animu, sɛdeɛ obi ne nʼadamfo di nkɔmmɔ. Na sɛ Mose sane kɔ nsraban no hɔ a, aberanteɛ a ɔboa no a wɔfrɛ no Yosua (Nun ba) no deɛ, ɔtena Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ara kɔsi sɛ Mose bɛsane aba.

Na AWURADE buaa no sɛ, “Mʼankasa me ne wo bɛkɔ na woadi nkonim.”

Na Mose srɛɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔhunu Onyankopɔn animuonyam. AWURADE buaa sɛ, “Mɛma mo ahunu mʼadɔeɛ na mɛbɔ me din AWURADE no akyerɛ mo. Deɛ mepɛ sɛ mehunu no mmɔbɔ no, mɛhunu no mmɔbɔ, na deɛ mepɛ sɛ meyɛ no adɔeɛ nso, mɛyɛ no adɔeɛ. Nanso, morenhunu mʼanimuonyam, ɛfiri sɛ, obi bi renhunu mʼanim ntena nkwa mu. “Nanso gyina ɔbotan yi so wɔ me nkyɛn ha. Na sɛ mʼanimuonyam resene a, mede wo bɛhyɛ ɔbotan no mu na mede me nsa akata wo so kɔsi sɛ mɛtwam. Afei, mɛyi me nsa na woahunu mʼakyi, na mʼanim deɛ, worenhunu.”

AWURADE siane baa sɛ omununkum fadum bɛgyinaa Mose ho bɔɔ ne din kronkron AWURADE no. AWURADE faa nʼanim frɛɛ no kaa sɛ, “Me, AWURADE, Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ a me bo kyɛre fu na mewɔ ɔdɔ na medi nokorɛ nso; me AWURADE, me dɔ nnipa mpempem na mede atirimuɔden, atuateɛ ne bɔne kyɛ. Metwe afɔdie aso na metwe Agyanom, mma ne mmanananom kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne ɛnan aso.” Mose kotoo AWURADE somm no.

Na monnsom onyame foforɔ biara nka AWURADE ho, na ɔno nko ara ne Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ mosom no.

Omununkum no bɛkataa Ahyiaeɛ Ntomadan no so maa AWURADE animuonyam hyɛɛ no ma. Esiane sɛ na omununkum no asi wɔ hɔ no enti, Mose antumi ankɔ mu na AWURADE animuonyam hyɛɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ma.

Awiaberɛ mu deɛ, AWURADE omununkum no gyina Ahyiaeɛ Ntomadan no so na sɛ ɛduru anadwo a, na ogya asɔ wɔ omununkum no mu sɛdeɛ Israelfoɔ no nyinaa bɛhunu. Yei toaa so saa ara wɔ wɔn akwantuo no nyinaa mu.

Mose ne Aaron kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ na wɔsane baa bio no, wɔhyiraa nnipa no na AWURADE animuonyam baa nnipa no nyinaa so. Na ogya firi AWURADE nkyɛn bɛhyee ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no ne sradeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no so no. Na nnipa no hunuu yei no, wɔn nyinaa teateaam butubutuu fam wɔ AWURADE anim.

“Bɔ wo nua Aaron kɔkɔ sɛ, ɔnnkɔ kronkronbea hɔ wɔ ntwamutam no akyi beaeɛ a apam adaka no si ne mmɔborɔhunu beaeɛ hɔ kwa. Ɔkɔ hɔ a ɔbɛwu, ɛfiri sɛ, mʼankasa mewɔ omununkum a ɛkata mpata beaeɛ so no mu.

Ɛda a wɔmaa Ahyiaeɛ Ntomadan no so sii hɔ no, omununkum kataa so. Anwummerɛ no ara, omununkum no dane yɛɛ sɛ ogya na ɛyɛɛ saa ara anadwo mu no nyinaa. Saa ara na ɛte ɛberɛ biara, na ɛduru anadwo a, omununkum no dane yɛ sɛ ogya.

Nanso, sɛ mete ase yi, na AWURADE animuonyam ahyɛ asase nyinaa ma yi,

Na Kora ahwanyane ɔman no nyinaa atia Mose ne Aaron enti, na wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano rehwɛ. Afei, AWURADE de animuonyam baa nnipa no nyinaa so

Ankyɛre koraa, nnipa no nyinaa boaa wɔn ho ano. Wɔgu so rehwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no, prɛko pɛ, omununkum no pueeɛ ma wɔhunuu AWURADE animuonyam nwanwaso no.

Mose ne Aaron sɔre kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano de wɔn anim butubutuu fam wɔ AWURADE anim; na wɔhunuu AWURADE animuonyam.

Afei, AWURADE buee Balaam ani ma ɔhunuu ɔsoro ɔbɔfoɔ no sɛ watwe sekan gyina ɛkwan no mfimfini enti ɔkɔbutuu nʼanim.

deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm; deɛ ɔwɔ nyansa a ɛfiri Ɔsorosoroni no deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ; na ɔda fam, a nʼani gu so:

Ɔdaa yeinom nyinaa adi kyerɛɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu sɛ AWURADE yɛ Onyankopɔn a nʼakyi obi nni hɔ. Ɔmaa motee ne nne firi soro nam so tenetenee mo so. Ɔmaa mohunuu ne ogya fadum wɔ asase so, ɛnna motee ne nne firii ogya no mfimfini.

Enti, monkae na momma no ntim mo akoma mu: AWURADE yɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro ne asase so, na onyame bi nka ne ho bio!

Wɔkaa sɛ, “AWURADE yɛn Onyankopɔn, akyerɛ yɛn nʼanimuonyam ne ne tumi na yɛate ne nne afiri ogya mu. Ɛnnɛ, yɛahunu sɛ, sɛ Onyankopɔn ne onipa kasa koraa a, onipa tumi tena ase.

Tie, Ao Israel, AWURADE yɛn Onyankopɔn yɛ Awurade koro. Dɔ AWURADE wo Onyankopɔn firi wʼakoma mu nyinaa ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu.

AWURADE mo Onyankopɔn yɛ ahene mu hene ne anyame mu nyame. Ɔyɛ Onyankopɔn kokuroko, otumfoɔ ne ɔnwanwani a ɔnkyea nʼaso na ɔnnye adanmudeɛ nso.

Ɛsɛ sɛ modi AWURADE mo Onyankopɔn ni na mosom no, na moka mo ho bata ne ho. Monka ntam wɔ ne din nko ara mu. Ɔyɛ mo Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ mokamfo no. Ɔno na wayɛ anwanwadeɛ akɛseɛ a mo nyinaa ahunu bi.

Sɛ moanni mmara no nyinaa a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no so na moansuro onimuonyamfoɔ ne ɔnwanwani AWURADE mo Onyankopɔn no din a,

Mɛbɔ AWURADE din; Animuonyam wɔ yɛn Onyankopɔn. Ɔyɛ Ɔbotan; nʼadwuma yɛ pɛ; Biribiara a ɔyɛ nam ne kwan so, na ɛyɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔnyɛ mfomsoɔ; Ɔteneneeni ne nokwafoɔ ne no.

“Afei, monhunu sɛ, me ara me ne no! Onyame biara nni hɔ sɛ me! Me na mekum na mema nkwa: Me na mepira, na mesa; obi ntumi nnye wo mfiri me nsam.

“Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Yeshurun Onyankopɔn; Ɔnam ɔsorosoro bɛboa wo, ɔde ne tumi nante omununkum mu. Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo dwanekɔbea; nʼabasa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo. Ɔbɛpam wʼatamfoɔ afiri wʼanim; Ɔno na ɔteaam sɛ, ‘Sɛe wɔn!’

Na ɔbarima no buaa sɛ, “Menyɛ wɔn mu biara, meyɛ AWURADE asraadɔm so safohene.” Yosua tee yei no, ɔdaa hɔ de nʼanim butuu fam wɔ anidie mu na ɔkaa sɛ, “Kyerɛ me deɛ menyɛ, ɛdeɛn na wopɛ sɛ wo ɔsomfoɔ yɛ?” AWURADE asraadɔm safohene no buaa sɛ, “Yi wo mpaboa na ɛha yɛ asase kronkron.” Na Yosua yɛɛ deɛ ɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.

Asɔfoɔ baason a obiara kura nnwennini abɛn bɛdi Adaka no anim. Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɛsɛ sɛ mobɔ nsra twa kuropɔn no ho mprɛnson, a asɔfoɔ no rehyɛn nnwennini mmɛn no. Sɛ mote sɛ asɔfoɔ no hyɛn mmɛn no dendeenden ma ɛkyɛre a, nnipa no nyinaa mmɔ nnye so. Afei kuropɔn no afasuo nyinaa bɛdwiri agu fam, na nnipa no bɛtumi ato ahyɛ kuropɔn no so.”

Ɛberɛ a nnipa no tee mmɛn no nnyegyeeɛ no, wɔteateaam dendeenden sɛdeɛ wɔbɛtumi. Prɛko pɛ Yeriko afasuo no dwiri guu fam maa Israelfoɔ no firi afanan nyinaa to hyɛɛ kuropɔn no so na wɔfaeɛ.

Yosua ne ɔman ntuanofoɔ de abasamutuo tetee wɔn ntadeɛ mu, too mfuturo guu wɔn tirim, bɔɔ wɔn mu ase, wɔ AWURADE Adaka no anim kɔsii anwummerɛ.

“Mo ahemfo, montie! Monyɛ aso, mo aberempɔn! Na mɛto dwom ama AWURADE. Mɛma me nne so ama AWURADE, Israel Onyankopɔn.

AWURADE ɔbɔfoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa me din? Sɛ mebɔ me din kyerɛ wo a, worente aseɛ.” Afei, Manoa faa abirekyie ba no ne aduane afɔrebɔdeɛ de bɔɔ afɔdeɛ wɔ ɔbotan bi so maa AWURADE. Na Manoa ne ne yere rehwɛ no, Awurade yɛɛ anwanwadeɛ bi. Egyadɛreɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no mu no tene kɔɔ ewiem no, AWURADE ɔbɔfoɔ no faa mu foro kɔeɛ. Na Manoa ne ne yere hunuu saa no, wɔde wɔn anim butubutuu fam.

“Obiara nyɛ kronkron sɛ AWURADE! Obi bi nka wo ho; Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Onyankopɔn.

Dawid ne Israel manfoɔ gyee wɔn ani wɔ AWURADE anim wɔ ahoɔden so a wɔreto nnwom, na wɔde nsankuo, bɛnta, akasaeɛ, mfirikyiwa ne kyankyan nenam mu.

Na Dawid firii nʼahoɔden nyinaa mu saa wɔ AWURADE anim a na ɔhyɛ asɔfotadeɛ yuu. Enti, Dawid ne Israel nyinaa de nteateam ne ntotorobɛntohyɛn maa AWURADE Adaka no so kɔɔeɛ. Ɛberɛ a wɔde AWURADE Adaka no rewura Dawid Kuropɔn no mu no, Saulo babaa a ne din de Mikal no kɔtɛɛ mpomma mu hwɛeɛ. Ɔhunuu sɛ ɔhene Dawid rehurihuri, resa anigyeɛ so wɔ AWURADE anim no, nʼani annye.

“Mesu frɛ AWURADE; ɔno na ayɛyie sɛ no, ɛfiri sɛ, ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam.

AWURADE bobɔɔ mu firi soro; Ɔsorosoroni no teaam denden.

Ao AWURADE yei enti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu nyinaa; na mɛto ayɛyie nnwom ama wo edin.

Asɔfoɔ no refiri Kronkron mu Kronkron hɔ no, omununkum bɛhyɛɛ AWURADE Asɔredan no ma. Asɔfoɔ no antumi antoa wɔn dwumadie no so, ɛfiri sɛ, AWURADE animuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma.

Na Salomo gyinaa hɔ, pagyaa ne nsa kyerɛɛ soro wɔ AWURADE afɔrebukyia no anim wɔ Israelfoɔ no nyinaa anim. Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, AWURADE, Israel Onyankopɔn, Onyame biara nni hɔ a ɔte sɛ wo wɔ ɔsoro anaa asase so. Wodi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a ɛnni awieeɛ adi kyerɛ wɔn a wɔtie wo, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ wʼapɛdeɛ nso.

“Na ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so? Mpo, sɛ ɔsorosoro sua ma wo a, ɛdeɛn na yɛbɛka afa Asɔredan a masi yi ho!

Nnipa no hunuiɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, teateaam sɛ, “AWURADE yɛ Onyankopɔn! AWURADE yɛ Onyankopɔn!”

Mikaia toaa so sɛ, “Tie deɛ AWURADE ka. Mehunuu AWURADE sɛ ɔte nʼahennwa so a ne sorofoɔ akodɔm nyinaa atwa ne ho ahyia wɔ ne nifa ne ne benkum so.”

Na Hesekia bɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ AWURADE sɛ: “Ao, AWURADE, Israel Onyankopɔn a wodi ɔhene firi Kerubim ntam, wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahennie nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase.

Dawid ne Israelfoɔ nyinaa firii wɔn ahoɔden mu too nnwom, bɔɔ mmɛn ahodoɔ a ebi yɛ asankuo, mmɛnta, mpintin, nnawuro ne ntotorobɛnto dii ahurisie wɔ Onyankopɔn anim.

Dawid hyɛɛ Lewifoɔ mpanimfoɔ no nso sɛ, wɔnte Lewifoɔ nnwomtofoɔ kuo, wɔn a wɔnim nnwontoɔ, ne wɔn a wɔwɔ nnwontoɔ ho nimdeɛ na wɔmfa mmɛnta, mmɛn, asankuten ne kyankyan mmɛto anigyeɛ nnwom.

Wɔhyɛɛ Dawid serekye atadeɛ fɛfɛ bi. Saa ara na Lewifoɔ a wɔsoaa Apam Adaka no, nnwomtofoɔ no ne Kenania a ɔyɛ nnwomtofoɔ kwankyerɛfoɔ no nso yɛeɛ. Na Dawid hyɛ asɔfoɔ ngugusoɔ bi nso. Enti, Israel nyinaa de ahokeka, osebɔ, mmɛnhyɛn ne totorobɛntohyɛn, kyankyanbɔ, mmɛnta ne asankutenbɔ de AWURADE Apam Adaka no kɔɔ Yerusalem. Na ɛberɛ a AWURADE Apam Adaka no wuraa Dawid kuro mu no, Saulo babaa Mikal too nʼani hwɛɛ fam, firii ne mpomma mu. Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ ɔhene Dawid resa na ɔde anigyeɛ rehurihuri no, ɔbuu no animtiaa nʼakoma mu.

Ɛda AWURADE ase na da ne kɛseyɛ adi. Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ. Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no; monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa. Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu; momma wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no nnya akoma mu anigyeɛ. Momma mo ani nna AWURADE ne nʼahoɔden so; na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara.

Momma asase nyinaa nto dwom mma AWURADE! Ɛda biara mompae mu nka asɛmpa no sɛ ɔgye nkwa. Mommɔ nʼanimuonyam nneyɛɛ ho dawuro wɔ amanaman mu. Monka anwanwadeɛ a ɔyɛ nkyerɛ obiara. AWURADE yɛ kɛseɛ! Na ɔfata ayɛyie! Ɛsɛ sɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa. Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa, nanso AWURADE na ɔbɔɔ ɔsoro! Animuonyam ne tumi atwa ne ho ahyia, ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ nʼatenaeɛ. Momfa mma AWURADE, Ao amanaman mmusuakuo, momfa animuonyam ne tumi mma AWURADE. Momfa animuonyam a ɛfata mma AWURADE! Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra mmɛsom no. Monsɔre AWURADE wɔ ne hyerɛn kronkron nyinaa mu. Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim. Wɔatim ewiase denden a ɛntumi nhinhim. Momma ɔsoro ani nnye na asase nsɛpɛ ne ho! Momma aman nyinaa nte sɛ, “AWURADE yɛ ɔhene!” Momma ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa nteam nkamfo no. Momma mfuo ne wɔn nnɔbaeɛ mfa ahosɛpɛ mpue. Momma kwaeɛm nnua nnyegyeeɛ nyɛ ayɛyie AWURADE anim! Ɛfiri sɛ ɔrebɛbu asase atɛn. Monna AWURADE ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Monteateam sɛ, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn! Boa yɛn ano, na gye yɛn firi amanaman nsam, na yɛatumi ada wo din kronkron ase, na yɛadi ahurisie akamfo wo.” Ayɛyie nka AWURADE, Israel Onyankopɔn, ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten. Na nnipa no nyinaa gyee so sɛ, “Amen!” Na wɔkamfoo AWURADE.

Na anɔpa ne anwummerɛ biara nso, wɔgyina AWURADE anim to aseda ne nkamfo nnwom ma no.

Na ɔhene Dawid kamfoo AWURADE wɔ nnipa no nyinaa anim sɛ, “Ao AWURADE, yɛn agya Israel Onyankopɔn, ayɛyie nka wo daa nyinaa. Kɛseyɛ, ahoɔden, animuonyam, nkonimdie ne tumi yɛ wo dea Ao AWURADE. Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo dea, Ao AWURADE, na ahennie yi nso wɔ wo. Yɛma wo so sɛ wone adeɛ nyinaa so otumfoɔ. Ahonya ne animuonyam firi wo nko ara, ɛfiri sɛ, woyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ. Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam na wopɛ mu na wofiri ma nnipa yɛ kɛseɛ na wɔnya ahoɔden. Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛda wo ase, na yɛkamfo wo din kronkron no.

Afei, asɔfoɔ no firii kronkronbea hɔ. Saa ɛberɛ yi, na asɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, sɛ wɔwɔ dwuma bi die anaa wɔnni hwee yɛ, adwira wɔn ho. Lewifoɔ nnwomtofoɔ, Asaf, Heman, Yedutun, wɔn mmammarima ne wɔn nuanom nyinaa hyehyɛɛ nwera mmatakari gyinagyinaa afɔrebukyia no apueeɛ fam, na wɔbɔɔ kyankyan, mmɛnta ne nsankuten. Asɔfoɔ ɔha aduonu a wɔrehyɛn totorobɛnto bɛkaa wɔn ho. Ntotorobɛntohyɛnfoɔ ne nnwomtofoɔ no nyinaa bɔɔ mu too dwom de kamfoo AWURADE, daa no ase. Wɔde ntotorobɛnto, kyankyan ne nnwontodeɛ ahodoɔ bɛkaa wɔn ho, maa wɔn nne so, kamfoo AWURADE sɛ: “Ɔyɛ! Na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!” Saa ɛberɛ no mu ara, omununkum bɛhyɛɛ AWURADE asɔredan no ma. Asɔfoɔ no antumi antoa wɔn adwuma no so, ɛfiri sɛ, AWURADE animuonyam bɛhyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan no ma.

Na Salomo pagyaa ne nsa kyerɛɛ soro wɔ AWURADE afɔrebukyia ne Israel manfoɔ no nyinaa anim. Na wabɔ kɔbere mfrafraeɛ apa a nʼatweeɛmu yɛ anammɔn nson ne fa, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nson ne fa, na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn ɛnan ne fa, de asi asɔredan no adihɔ mfimfini. Ɔgyinaa apa no so wɔ nnipa no nyinaa anim. Ɔbuu nkotodwe, maa ne nsa so kyerɛɛ soro. Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao AWURADE, Israel Onyankopɔn, Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ wo wɔ ɔsoro ne asase so nyinaa. Wodi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no adi kyerɛ wɔn a wɔtie wo na wɔn ani gye sɛ wɔbɛyɛ wʼapɛdeɛ nyinaa.

“Ɛyɛ nokorɛ sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa mu wɔ asase so? Ɔsorosoro nohoa mpo ntumi nkora wo, na ɛbɛyɛ dɛn na Asɔredan a masie yi bɛtumi akora wo.

Salomo wiee ne mpaeɛbɔ no, ogya firi ɔsoro bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne afɔrebɔdeɛ, na AWURADE animuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma. Asɔfoɔ no mpo antumi anhyɛne AWURADE Asɔredan no mu, ɛfiri sɛ, na AWURADE animuonyam ahyɛ hɔ ma. Ɛberɛ a Israelfoɔ nyinaa hunuu sɛ ogya no reba fam, na AWURADE animuonyam rehyɛ Asɔredan no ma no, wɔn nyinaa hwehwee fam de wɔn anim butubutuu hɔ, sɔree AWURADE kamfoo no sɛ, “Ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!”

Asɔfoɔ no gyinagyinaa wɔn afa, na saa ara na Lewifoɔ a wɔreto dwom sɛ, “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!” no nso yɛeɛ. Wɔde nnwontodeɛ a Dawid yɛeɛ sɛ wɔmfa nkamfo AWURADE no gyegyee nnwontoɔ no ho. Asɔfoɔ a wɔne Lewifoɔ no di nhwɛanimu no hyɛnee ntotorobɛnto wɔ ɛberɛ a na Israelfoɔ nyinaa gyinagyina hɔ.

Mikaia toaa so sɛ, “Tie deɛ AWURADE ka! Mehunuu sɛ AWURADE te nʼahennwa so a ɔsoro asraadɔm nyinaa tete ne nifa ne ne benkum so.

Ɔhene no ne nnipa no ntuanofoɔ dii nkutaho wieeɛ no, ɔyii nnwomtofoɔ bi sɛ wɔnni akodɔm no anim, nto dwom mma AWURADE, nkamfo no wɔ nʼanimuonyam kronkron no enti. Ɛdwom no mu nsɛm nie: “Monna AWURADE ase na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!”

Ɔhene Hesekia ne ne mpanimfoɔ hyɛɛ Lewifoɔ no sɛ, wɔmfa Dawid nnwom ne nhunumuni Asaf deɛ, nkamfo AWURADE. Enti, wɔde anigyeɛ kamfoo AWURADE, na wɔkoto sɔreeɛ.

Enti, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no de nnanson dii Apiti Afahyɛ no anigyeɛ so. Ɛda biara, Lewifoɔ ne asɔfoɔ no too nnwom maa AWURADE de nnwontodeɛ a ano yɛ den gyegyee ho.

Ɛberɛ a adansifoɔ no wiee AWURADE asɔredan no fapem no, asɔfoɔ no hyɛɛ wɔn asɔfotadeɛ, kɔtenaa wɔn tenaberɛ, hyɛnee wɔn totorobɛnto. Na Asaf asefoɔ Lewifoɔ no bɔɔ wɔn kyankyan de kamfoo AWURADE sɛdeɛ na ɔhene Dawid ahyɛ no pɛpɛɛpɛ. Wɔde nkamfoɔ ne aseda too saa dwom yi maa AWURADE sɛ: “Ɔyɛ, Na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa ma Israel afebɔɔ!” Na ɔmanfoɔ no nyinaa teaam ahoɔden so, de kamfoo Awurade, ɛfiri sɛ, AWURADE asɔredan fapem no, wɔato.

Ɛduruu afɔrebɔberɛ no, mesɔre gyinaa baabi a na mete hɔ awerɛhoɔ mu a masunsuane mʼatadeɛ mu, na mebuu nkotodwe, pagyaa me nsa kyerɛɛ AWURADE, me Onyankopɔn.

Na Ɛsra kamfoo AWURADE, Otumfoɔ Onyankopɔn, na ɔmanfoɔ no bɔ gyee so sɛ, “Amen! Amen!” wɔ ɛberɛ a wɔmemaa wɔn nsa so kyerɛɛ ɔsoro. Afei, wɔkotokotoeɛ, somm AWURADE a wɔn anim butubutu fam.

Na Lewifoɔ no bi gyina ntrapoe so reteam frɛ Awurade, wɔn Onyankopɔn. Saa nnipa no ne Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani. Afei, Lewifoɔ ntuanofoɔ a wɔne Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia teaam frɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monsɔre nkamfo AWURADE, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɔte hɔ afebɔɔ!” Wɔtoaa so sɛ, “Monkamfo ne din kronkron no. Ɛso sene sɛdeɛ yɛbɛtumi adwene anaa deɛ yɛbɛka. Wo nko ara ne AWURADE. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne ɔsoro mu ɔsoro ne nsoromma nyinaa. Wo na wobɔɔ asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Wo na wokora biribiara so ma no nkwa, na ɔsoro abɔfoɔ nyinaa som wo.

“Nanso, wo mmɔborɔhunu mu, woannyaa wɔn amma wɔanwuwu wɔ ɛserɛ no so. Omununkum fadum no kɔɔ so dii wɔn anim awia, na ogya fadum no kyerɛɛ wɔn ɛkwan anadwo.

Ɛberɛ a wɔredwira Yerusalem ɔfasuo foforɔ no ho no, wɔka kyerɛɛ Lewifoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa sɛ, wɔmmra Yerusalem mmɛboa dwumadie no. Na ɛsɛ sɛ wɔde kyankyan, mmɛnta ne asankuten to wɔn aseda nnwom de hyɛ anigyeɛ fa no.

Amammerɛ a wɔma nnwomtofoɔ akwankyerɛfoɔ di nnwomtofoɔ no anim wɔ nkamfo ne aseda nnwom a wɔto de ma Onyankopɔn no hyɛɛ aseɛ firii Dawid ne Asaf berɛ so.

Yei maa Hiob sɔre gyinaa hɔ, sunsuanee nʼatadeɛ mu na ɔyii ne tirinwi. Afei ɔtenaa fam sɔree AWURADE kaa sɛ, “Adagya na mede mefiri me maame yam baeɛ, na adagya na mede bɛsane akɔ. AWURADE de maeɛ, na AWURADE afa; nhyira nka AWURADE din!”

“Nanso sɛ ɛyɛ me a, anka mɛdwane atoa Onyankopɔn; na mede mʼasɛm ato nʼanim. Ɔyɛ anwanwadeɛ a wɔntumi nhwehwɛ mu, ne nsɛnkyerɛnneɛ a wɔntumi nkan ne dodoɔ.

“Wobɛtumi ate Onyankopɔn anwanwadeɛ ase anaa? Wobɛtumi abɔre ahunu deɛ Otumfoɔ no tumi kɔpem anaa?

“Na sɛ wode wʼakoma ma no na wopagya wo nsa kyerɛ no,

Menim sɛ me odimafoɔ te ase, na awieeɛ no ɔbɛsɔre agyina asase so. Na sɛ me wedeɛ wie sɛe a, mede mʼani bɛhunu Onyankopɔn. Me ara mɛhunu no mede mʼani, na ɛnyɛ obi foforɔ ani, bɛhunu no. Mʼakoma ho pere no wɔ me mu.

ɛnneɛ Otumfoɔ bɛyɛ wo sikakɔkɔɔ; ɔbɛyɛ dwetɛ amapa ama wo. Afei nokorɛm wobɛnya anigyeɛ wɔ Otumfoɔ mu na wobɛpagya wʼani akyerɛ Onyankopɔn.

“Onyankopɔn yɛ kɛseɛ wɔ ne tumi mu. Hwan na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ ɔno? Hwan na wahyehyɛ nʼakwan ama no anaa waka akyerɛ no sɛ, ‘Woayɛ mfomsoɔ.’ Kae na kamfo nʼadwuma a nnipa de nnwontoɔ akamfo no.

“Yei ma mʼakoma bɔ paripari na ɛbɔ denden pa ara. Tie! Tie ne nne mmobom, ne hooyɛ a ɛfiri nʼanom reba. Ɔgyaa nʼanyinam mu wɔ ɔsoro ase nyinaa na ɔma ɛkɔduru asase ano. Ɛno akyi na ne mmobom no ba; ɔde nne kɛseɛ bobom. Sɛ ɔkasa a, biribiara nsianka no. Onyankopɔn nne bobom ma no yɛ nwanwa; ɔyɛ nneɛma akɛseɛ a ɛboro yɛn adwene so.

Wonim sɛdeɛ omununkum sensɛn ewiem, deɛ ɔyɛ nyansaboakwa no anwanwadeɛ?

Ɔfiri atifi fam ba wɔ animuonyam sononko mu; Onyankopɔn ba wɔ surokronkron tumi mu. Yɛnhunu Otumfoɔ deɛ, nanso ne tumi yɛ kɛseɛ; nʼatɛntenenee ne teneneeyɛ kɛseɛ akyi mpo ɔnyɛ nhyɛsoɔ.

Deɛ ɔte adwa so wɔ soro no sere; AWURADE di wɔn ho fɛw.

“Masi me Ɔhene wɔ Sion, me bepɔ kronkron no so.”

Mede aseda bɛma AWURADE ne tenenee enti na mato ayɛyi dwom ayi AWURADE, Ɔsorosoroni no din ayɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “gittit” sankuo nne so.

Dawid dwom. Ao AWURADE, yɛn AWURADE, wo din kɛseyɛ ada adi ewiase afanan nyinaa. Wode wʼanimuonyam atimtim ɔsoro nohoa,

Ao, AWURADE, yɛn AWURADE, wo din yɛ kɛseɛ wɔ asase nyinaa so! Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Ɔba no wuo”.

Dawid dwom. Ao AWURADE, mefiri mʼakoma nyinaa mu mekamfo wo. Mɛka wʼanwanwadeɛ no nyinaa. Mɛma mʼani agye na madi ahurisie wɔ wo mu. Mɛto ayɛyie dwom ama wo din, Ao Ɔsorosoroni.

Monto ayɛyie dwom mma AWURADE a ɔte ahennwa so wɔ Sion; mompae mu nka deɛ wayɛ wɔ amanaman no mu.

na matumi apae mu aka wʼayɛyie wɔ Ɔbabaa Sion apono ano na ɛhɔ, madi ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ no mu.

AWURADE yɛ ɔhene daa nyinaa; amanaman no bɛyera nʼasase so.

AWURADE wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; AWURADE te ne soro ahennwa so. Ɔhwɛ nnipa mma, nʼani hwehwɛ wɔn mu.

Mɛto dwom ama AWURADE, ɛfiri sɛ ɔne me adi no yie. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no.

Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no; fa me sie wo ntaban nwunu no ase

AWURADE akoa Dawid dwom. Ɔtoo saa dwom yi maa AWURADE, ɛberɛ a ɔgyee no firii nʼatamfoɔ nyinaa ne Saulo nsam no. Medɔ wo, Ao AWURADE, mʼahoɔden. AWURADE ne me botantim; mʼaban ne me gyefoɔ; me Onyankopɔn ne me botan Ne mu na menya me hintabea. Ɔyɛ mʼakokyɛm, me nkwagyeɛ abɛn ne mʼabandenden. Mesu frɛ AWURADE; ɔno na ayɛyie sɛ no, ɛfiri sɛ ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam.

AWURADE bobɔɔ mu firii soro; Ɔsorosoroni no nne gyegyeeɛ bio.

Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ; AWURADE bɔhyɛ nyinaa ba mu. Ɔyɛ akokyɛm ma wɔn a wɔhwehwɛ banbɔ wɔ ne mu. Na hwan na ɔyɛ Onyankopɔn ka AWURADE ho? Na hwan na ɔyɛ Ɔbotan no, gye sɛ yɛn Onyankopɔn no.

AWURADE te ase! Ayɛyi nka me Botan! Wɔmma Onyankopɔn me Gyefoɔ no din so!

Dawid dwom. Ɔsoro ka Onyankopɔn animuonyam ho asɛm! Ewiem pae mu ka ne nsa ano adwuma,

Yɛma wo so, Ao AWURADE, wɔ wʼahoɔden mu; yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Adekyeeɛ foroteɛ” dwom.

Nanso, wɔasi wo ɔhene sɛ Ɔkronkronni; wo na Israel kamfo woɔ.

Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom; mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim. Monkamfo AWURADE, mo a mosuro no no! Mo a moyɛ Yakob asefoɔ, monhyɛ no animuonyam! Mo Israel asefoɔ nyinaa, monni no ni! Ɔmmuu nʼani nguu ɔmanehunufoɔ ateetee so, ɔmfaa nʼanim nhintaa no; na mmom watie ne sufrɛ a ɔde repɛ mmoa. Me botaeɛ a mede yi wo ayɛ wɔ badwa mu no firi wo; mɛdi me bɔhyɛ so wɔ wɔn a wɔsuro wo no anim. Ahiafoɔ bɛdidi na wɔamee; wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE bɛyi no ayɛ. Mo akoma nnya nkwa daa. Asase ano nyinaa bɛkae akɔ AWURADE nkyɛn, na amanaman no mmusua nyinaa bɛkoto nʼanim, ɛfiri sɛ ahennie wɔ AWURADE na ɔdi amanaman so ɔhene. Asase so adefoɔ nyinaa bɛdidi na wɔasɔre no; wɔn a wɔkɔ dɔteɛ mu nyinaa bɛbu nkotodwe nʼanim, wɔn a wɔrentumi mma nkwa mu.

Mo apono, mommuebue mommuebue, mo tete apono, na Animuonyam Ɔhene nhyɛne mu. Hwan ne saa Animuonyam Ɔhene yi? Ɔno ne AWURADE ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ no; AWURADE a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifoɔ. Mommuebue, Ao mo apono mommuebue, mo tete apono, na animuonyam Ɔhene no nkɔ mu. Hwan ne saa animuonyam Ɔhene yi? Asafo AWURADE no, ɔno ne animuonyam Ɔhene no.

Adeɛ baako na mebisa AWURADE; na ɛno na mehwehwɛ; sɛ mɛtena AWURADE fie me nkwa nna nyinaa, na mahwɛ AWURADE ahoɔfɛ na mahwehwɛ no wɔ nʼasɔrefie.

Afei ɔbɛma me tiri so wɔ atamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no so; mede anigyeɛ bɛbɔ afɔdeɛ wɔ nʼAhyiaeɛ Ntomadan mu; na mɛto dwom, ahyehyɛ nnwom ama AWURADE. Ao, AWURADE, sɛ mesu frɛ wo a, tie me! Hu me mmɔbɔ na gye me so! Mʼakoma ka wɔ wo ho sɛ, “Hwehwɛ nʼanim!” Wʼanim, Ao AWURADE na mɛhwehwɛ.

AWURADE ne mʼahoɔden ne mʼakokyɛm; mʼakoma wɔ ne mu ahotosoɔ, na ɔboa me. Mʼakoma di ahurisie na mede dwomtoɔ bɛda no ase.

Dawid dwom. Momfa mma AWURADE no, Ao ɔsoro abɔdeɛ, momfa animuonyam ne tumi mma AWURADE. Momfa animuonyam a ɛfata AWURADE din mma no; monsɔre AWURADE wɔ nʼanimuonyam kronkron mu. AWURADE nne wɔ nsuo no so; animuonyam Onyankopɔn bobom, AWURADE bobom wɔ nsuo akɛseɛ so. AWURADE nne mu wɔ tumi; AWURADE nne mu wɔ animuonyam.

AWURADE nne kyinkyim adum na ɛma kwaeɛ yɛ kwaterekwa. Nʼasɔredan mufoɔ nyinaa team ka sɛ, “Animuonyam nka Onyankopɔn!” AWURADE di ɔhene wɔ nsuyire so; wɔasi AWURADE ɔhene afebɔɔ.

Monto ayɛyie nnwom mma AWURADE; mo a moyɛ nʼahotefoɔ! Monkamfo ne din kronkron no.

Wodanee mʼagyaadwotwa yɛɛ no asa; woyii mʼayitoma firii me ho na wode anigyeɛ firaa me, sɛ mʼakoma bɛto nnwom ama wo na ɛrenyɛ komm. Ao AWURADE me Onyankopɔn, mɛda wo ase daa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Momfa ahurisie nto dwom mma AWURADE, mo teneneefoɔ, ɛfata sɛ wɔn a wɔtene no yi no ayɛ. Momfa sankuo nkamfo AWURADE; monto dwom mma no wɔ sankuten so. Monto dwom foforɔ mma no. Momfa nimdeɛ mmɔ sankuo no na monteam ahurisie so!

Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a ɔboa pa danee ɔbɔdamfoɔ wɔ Abimelek anim no na ɔpanin no gyaee no ma ɔkɔeɛ no akyi. Mede aseda bɛma AWURADE berɛ nyinaa; nʼayɛyie wɔ mʼanom daa. Me kra bɛhoahoa ne ho wɔ AWURADE mu; ma amanehunufoɔ nte na wɔn nni ahurisie. Mo ne me nkamfo AWURADE; momma yɛmmɔ mu nkamfo ne din!

Na mɛda wo ase wɔ dwabɔ kɛseɛ ase; wɔ nnipa dodoɔ mu na mɛkamfo woɔ.

Ma wɔn a wɔdi ahurisie wɔ me bembuo ho no mfa anigyeɛ ne ahosɛpɛ nteam ɛberɛ nyinaa mu ma wɔnka sɛ, “Momma AWURADE so, ɔno na nʼani gye ne ɔsomfoɔ yiedie ho.” Me tɛkrɛma bɛka wo tenenee ne wʼayɛyie da mu nyinaa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Ɔde dwom foforɔ hyɛɛ mʼanom, ayɛyi dwom a yɛde ma yɛn Onyankopɔn. Bebree bɛhunu na wɔasuro na wɔde wɔn werɛ ahyɛ AWURADE mu.

Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa ani nnye na wɔnni ahurisie wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka daa sɛ, “Momma AWURADE so!”

Me nokorɛdie mu, wokura me mu na wode me gyina wʼanim afebɔɔ. Nhyira nka AWURADE, Israel Onyankopɔn, ɛnnɛ ne daa nyinaa. Amen ne Amen! Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Kora mma “maskil” dwom. Sɛdeɛ ɔforoteɛ pere hwehwɛ nsuwansuwa no, saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, Ao Onyankopɔn. Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefoɔ no. Da bɛn na mɛtumi akɔhyia Onyankopɔn?

Adekyeɛ mu AWURADE kyerɛ nʼadɔeɛ; adesaeɛ mu ne dwom ba me nkyɛn. Mebɔ mpaeɛ kyerɛ Onyankopɔn a ɔma me nkwa.

Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔrebukyia anim mʼanigyeɛ ne mʼahosɛpɛ Onyankopɔn nkyɛn. Mede sankuo bɛyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn, me Onyankopɔn.

Fa wʼakofena bɔ wo nkyɛn mu, Ao Otumfoɔ; fa animuonyam ne kɛseyɛ fira. Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdie so wɔ nokorɛ, ahobrɛaseɛ ne tenenee mu; ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwanwa no adi.

Ao Onyankopɔn, wʼahennwa no bɛtena hɔ daa daa; tenenee ahempoma bɛyɛ wʼahennie no ahempoma.

Mɛma wɔakae wo wɔ awontoatoasoɔ nyinaa mu; ɛno enti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Monyɛ komm na monhunu sɛ me ne Onyankopɔn; wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu, wɔbɛma me so wɔ asase so.

Kora mma dwom. Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam; momfa anigyeɛ nteam mfrɛ Onyankopɔn. AWURADE Ɔsorosoroni no ho yɛ nwanwa, Ɔyɛ Ɔhene kɛseɛ wɔ asase nyinaa so!

Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigyeɛ nteateam mu. AWURADE wɔ totorobɛnto nnyegyeeɛ mu. To ayɛyie nnwom ma Onyankopɔn, to ayɛyie nnwom; to ayɛyie nnwom ma yɛn Ɔhene, to ayɛyie nnwom. Ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ asase nyinaa so Ɔhene. Monto ahurisie nnwom mma no. Onyankopɔn di ɔhene wɔ amanaman no so Onyankopɔn te nʼahennwa kronkron so. Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho ano sɛ Abraham Onyankopɔn nkurɔfoɔ, ɛfiri sɛ asase so ahemfo yɛ Onyankopɔn dea; na wɔma no so yɛ no kɛseɛ.

Kora mma dwom. AWURADE yɛ kɛseɛ na ɔsɛ nkamfo wɔ yɛn Onyankopɔn kuropɔn mu, ne bepɔ kronkron so.

Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Onyankopɔn daa daa; mpo ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfoɔ akɔsi awieeɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Momfa aseda afɔdeɛ mma Onyankopɔn, na monni bɔhyɛ a mohyɛɛ Ɔsorosoroni no so, na momfrɛ me da hiada; na mɛgye mo na moahyɛ me animuonyam.”

Deɛ ɔbɔ aseda afɔdeɛ no hyɛ me animuonyam, na ɔsiesie ɛkwan sɛdeɛ mɛda Onyankopɔn nkwagyeɛ adi akyerɛ no.” Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Ao Onyankopɔn, gye me firi mogya ho afɔdie mu. Onyame a wogye me nkwa, na me tɛkrɛma bɛto wo tenenee ho dwom. Ao Awurade, bue mʼano fafa, na mede mʼano bɛpae mu aka wʼayɛyie.

Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ; ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so.

Ao Onyankopɔn, mʼakoma agyina pintinn, mʼakoma nhinhim; mɛto dwom na mayi wo ayɛ.

Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom, mɛto wʼadɔeɛ ho dwom anɔpa; ɛfiri sɛ woyɛ mʼabankɛseɛ, mʼahintaeɛ wɔ ahohia mmerɛ mu. Ao mʼAhoɔden, mɛto ayɛyi dwom ama wo; wo, Ao Onyankopɔn, ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Susan Edut.”

Afei mɛto ayɛyie dwom ama wo din daa na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ Yedutun.

Dawid dwom. Ɛberɛ a ɔwɔ Yuda Ɛserɛ so no na ɔtoeɛ. Ao, Onyankopɔn, wone me Onyankopɔn Mehwehwɛ wo anibereɛ so; wo ho sukɔm de me kra, me onipadua ani agyina wo, wɔ asase a awo na ɛserɛ nni so, baabi a nsuo nnie. Mahunu wo wɔ Kronkronbea hɔ mahunu wo tumi ne wʼanimuonyam. Esiane sɛ, wʼadɔeɛ di mu sene nkwa enti mʼano fafa bɛhyɛ wo animuonyam. Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo, na wo din mu na mɛpagya me nsa. Me ɔkra bɛmee sɛdeɛ wadi aduane papa bi; mede anofafa a ɛto dwom bɛyi wo ayɛ. Meda me mpa so a, mekae wo. Anadwo dasuo mu nyinaa, medwene wo ho.

Nanso ɔhene bɛdi ahurisie wɔ Onyankopɔn mu; wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no, na wɔbɛmua atorofoɔ ano. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Dawid dwom. Ao, Onyankopɔn, ayɛyie retwɛn wo wɔ Sion, na yɛbɛdi yɛn bɔ a yɛahyɛ wo no so.

Dawid dwom. Asase nyinaa momfa ahosɛpɛ nteam mma Onyankopɔn! Monto ne din animuonyamhyɛ ho dwom; momma nʼayɛyie nyɛ animuonyamhyɛ! Monse Onyankopɔn sɛ, “Wo nneyɛɛ yɛ nwanwa wo tumi so na wʼatamfoɔ nyinaa de suro koto wʼanim. Asase nyinaa koto wo; wɔto ayɛyi dwom ma wo, wɔto dwom kamfo wo din.”

Ɔde ne tumi di ɔhene daa daa, na ɔde nʼani nso hwɛ aman so. Mma atuatefoɔ nsɔre ntia no. Ao aman nyinaa, monhyira yɛn Onyankopɔn, momma wɔnte mo nkamfo no nnyegyeɛ.

To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ. Ma deɛ ɔnante omununkum soɔ no din so. Ne din ne AWURADE; ma wʼani nnye wɔ nʼanim.

asase wosoeɛ, na ɔsoro tuee osuo guu fam, wɔ Onyankopɔn, Sinai Onyankopɔn no, Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn no anim.

Ao ewiase ahennie, monto dwom mma Onyankopɔn, monto ayɛyi dwom mma AWURADE, monto mma deɛ ɔte tete soro soro so no, na ɔde nne kɛseɛ bobɔ mu no. Mompae mu nka Onyankopɔn tumi, deɛ ne kɛseyɛ hata Israel so no, na ne tumi wɔ soro soro no. Wo ho yɛ nwanwa, Onyankopɔn, wɔwo kronkronbea hɔ; Israel Onyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ. Ayɛyie nka Onyankopɔn! Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛ “Sukooko.”

Mede dwomtoɔ bɛyi Onyankopɔn din ayɛ na mede aseda ahyɛ no animuonyam.

Ma ɔsoro ne asase nkamfo no, ɛpo ne deɛ ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa,

Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nsɛpɛ wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka da biara sɛ, “Onyankopɔn yɛ kɛseɛ!”

Ɛfiri awoɔ mu, mede me ho ato wo so; wo na woyii me firii me maame yafunu mu. Mɛkamfo wo daa. Mayɛ nhwɛsodeɛ ama bebree, nanso wo ne me dwanekɔbea denden. Wo nkamfo ahyɛ mʼanom ma, mekamfo wʼanimuonyam da mu nyinaa.

Nanso me deɛ, mɛnya anidasoɔ daa; mɛkɔ so makamfo wo.

Mede sankuo bɛkamfo wo Ao me Onyankopɔn, wo tenenee enti mɛto wʼayɛyi dwom wɔ sankuten so Ao Israel Kronkronni. Mʼanofafa de anigyeɛ bɛteam ɛberɛ a meto dwom kamfo woɔ, me a woagye me no.

Ɛserɛ so mmusua bɛkoto nʼanim na nʼatamfoɔ adi mfuturo.

Ahemfo nyinaa bɛkoto no amanaman nyinaa bɛsom no.

Ne din bɛtena hɔ daa; ɛntena hɔ nkyɛre sɛ owia. Wɔbɛfa ne so ahyira amanaman no, na wɔbɛfrɛ no nhyira. Nhyira nka AWURADE Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn! Ɔno nko ara na ɔyɛ anwanwadeɛ. Nhyira nka ne din a animuonyam ahyɛ no ma no daa daa. Ma nʼanimuonyam nhyɛ ewiase nyinaa ma. Amen! Amen!

Mɛkae nneɛma a AWURADE ayɛ; aane, mɛkae wʼanwanwadeɛ a woyɛɛ tete no. Mɛdwene wo nnwuma nyinaa ho na masusu wo nneyɛɛ akɛseɛ nyinaa ho. Ao Onyankopɔn, wʼakwan yɛ kronn. Onyame bɛn na ɔso sɛ yɛn Onyankopɔn? Wone Onyankopɔn a woyɛ anwanwadeɛ; wokyerɛ wo tumi wɔ aman mu.

Ɔde omununkum dii wɔn anim awia na ɔde ogyadum dii wɔn anim anadwo nyinaa.

Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn botan, sɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn no yɛ wɔn Gyefoɔ.

Asaf dwom. Monto ahurisie dwom mma Onyankopɔn yɛn ahoɔden; mommɔ ose mma Yakob Onyankopɔn no! Momma nnwom no so na monwoso akasaeɛ. Mommɔ sankuo ne bɛnta dɛɛdɛ no.

Ma wɔnhunu sɛ wo a wo din de AWURADE no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no wɔ gittit sankuo nne so.

Kora mma dwom. Ao Asafo AWURADE, wʼatenaeɛ hɔ yɛ ahomeka! Me kra pere, mpo ɛtɔ piti, sɛ ɔbɛkɔ AWURADE adihɔ; mʼakoma ne me honam team frɛ Onyankopɔn ɔteasefoɔ. Mpo akasanoma anya fie, na asomfena nso anwono ne pirebuo, baabi a ɔbɛhwane ne mma wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn wʼafɔrebukyia, Ao Asafo AWURADE, me Ɔhene ne me Onyankopɔn. Nhyira nka wɔn a wɔte wo fie; na wɔkamfo wo din daa.

Ao AWURADE, aman a woakyekyere nyinaa bɛba abɛsom wo wɔ wʼanim; wɔbɛba abɛhyɛ wo din animuonyam. Woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwa nnwuma; wo nko ara ne Onyankopɔn. Ao AWURADE, kyerɛ me wʼakwan, na mɛnante wo nokorɛ mu; ma memfa mʼakoma nyinaa mma wo na masuro wo din. Mede mʼakoma nyinaa mɛyi wo ayɛ, Ao Awurade me Onyankopɔn na mahyɛ wo din animuonyam daa nyinaa.

Na wɔbɛto dwom sɛ, “Me nhini nyinaa wɔ wo mu.” Kora mma dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sankuo so.

awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu. Ao AWURADE mesu frɛ wo da biara; metrɛ me nsam kyerɛ wo.

Esrahini Etan ɔhaw ne amanehunu dwom. Mɛto AWURADE adɔeɛ ho dwom daa daa; mede mʼano bɛda wo nokorɛdie adi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

Ao AWURADE, ɔsorosorofoɔ kamfo wʼanwanwadeɛ, na wo nokorɛdie nso, wɔkamfo wɔ ahotefoɔ asafo mu. Na hwan na ɔne wo AWURADE sɛ wɔ ɔsoro hɔ? Hwan na ɔte sɛ AWURADE wɔ ɔsoro abɔdeɛ mu? Akronkronfoɔ agyinatufoɔ mu, wosuro Onyankopɔn; wɔde suro ma no sene wɔn a wotwa ne ho hyia nyinaa.

Wʼahennwa no fapem yɛ tenenee ne atɛntenenee; adɔeɛ ne nokorɛdie di wʼanim.

Wone wɔn animuonyam ne ahoɔden, na wʼadom enti yɛyɛ nkonimdifoɔ. Ampa ara, yɛn banbɔ firi AWURADE hɔ, na Israel Kronkronni no ama yɛn Ɔhene.

Onyankopɔn onipa Mose mpaeɛbɔ. Awurade, wo na woayɛ yɛn tenabea awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ansa na wɔrebɛbɔ mmepɔ anaasɛ worebɛda asase ne ewiase adi no, na woyɛ Onyankopɔn firi mmerɛsanten kɔsi mmerɛsanten.

Deɛ ɔte Ɔsorosoroni no hintabea bɛhome wɔ Otumfoɔ no nwunu mu.

Dwom a wɔto no Homeda. Ɛyɛ sɛ wɔkamfo wo AWURADE na wɔto dwom de hyɛ wo animuonyam, Ao Ɔsorosoroni,

AWURADE di ɔhene, wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ no; wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ AWURADE na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakodeɛ. Wɔde ewiase atim hɔ pintinn; na wɔrentumi ntutu. Wʼahennwa tim hɔ firi tete; na wowɔ hɔ firi mmerɛsanten. Ao AWURADE, ɛpo ama wɔn ho so, ɛpo ama wɔn nne so; ɛpo ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ denden no so. Woyɛ deɛ ɔwɔ tumi sene nsuo akɛseɛ aprannaa, deɛ ɔwɔ tumi sene ɛpo nworosoɔ. AWURADE a ɔte ɔsoro no yɛ kɛseɛ. Ao AWURADE, wo nhyehyɛeɛ gyina hɔ pintinn; kronkronyɛ hyɛ wo fie animuonyam daa nyinaa.

Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigyeɛ so mma AWURADE; momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ Botan no. Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim, na yɛmfa ahosɛpɛ nnwom mma no so. Ɛfiri sɛ, AWURADE yɛ Onyankopɔn kɛseɛ, ɔhenkɛseɛ wɔ anyame nyinaa so.

Mommra mma yɛnkoto nsom no. Momma yɛmmu nkotodwe wɔ AWURADE yɛn Yɛfoɔ no anim!

Monto dwom foforɔ mma AWURADE; asase nyinaa monto dwom mma AWURADE. Monto dwom mma AWURADE, na monkamfo ne din; mompae mu nka ne nkwagyeɛ no daa daa. Monka nʼanimuonyam wɔ amanaman mu, monka nʼanwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu. AWURADE yɛ kɛseɛ na ɔfata ayɛyie; ɛsɛ sɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa. Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa, nanso AWURADE na ɔbɔɔ ɔsoro. Animuonyam ne kɛseyɛ wɔ nʼanim; ahoɔden ne animuonyam wɔ ne kronkronbea hɔ. Momfa mma AWURADE, Ao amanaman mmusuakuo, momfa animuonyam ne tumi mma AWURADE. Momfa animuonyam ne din a ɛfata mma AWURADE; momfa afɔrebɔdeɛ nhyɛne nʼadihɔ hɔ. Monsɔre AWURADE wɔ ne kronkronyɛ fɛfɛ mu; asase nyinaa momma mo ho mpopo wɔ nʼanim. Monka nkyerɛ aman nyinaa sɛ, “AWURADE di ɔhene.” Wɔabɔ asase atim hɔ pintinn na ɛnhinhim; ɔde pɛpɛyɛ bɛbu nnipa atɛn. Momma ɔsorosoro ani nnye, na asase nni ahurisie; momma ɛpo ne emu nneɛma nyinaa nworo; momma mfuo ne so nneɛma nyinaa mmɔ ose. Nnua a ɛwɔ kwaeɛm de ahosɛpɛ bɛto dwom; wɔbɛto dwom wɔ AWURADE anim, ɛfiri sɛ ɔreba, ɔreba abɛbu asase no atɛn. Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn na woabu nnipa nso atɛn wɔ ne nokorɛ mu.

AWURADE di ɔhene, ma asase ani nnye; ma nsupɔ ahodoɔ nsɛpɛ wɔn ho. Omununkum ne esum kabii atwa ne ho ahyia; tenenee ne atɛntenenee yɛ nʼahennwa no fapem.

Mmepɔ nane sɛ nku wɔ AWURADE anim, AWURADE a asase nyinaa wɔ no no anim. Ɔsoro pae mu ka ne tenenee kyerɛ na aman nyinaa hunu nʼanimuonyam.

Wo, Ao AWURADE ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa; wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu.

Dwom. Monto dwom foforɔ mma AWURADE, ɛfiri sɛ wayɛ anwanwadeɛ bebree; ne nsa nifa ne ne basa kronkron no anya nkwagyeɛ ama no.

Asase nyinaa mommɔ ose mma AWURADE, momfa nnwontoɔ nni ahurisie; Momfa sankuo nto dwom mma AWURADE, sankuo ne nnwontoɔ nnyegyeɛ, momfa totorobɛnto ne nnwennini mmɛn, nteam ahosɛpɛ so wɔ AWURADE, yɛn ɔhene no anim. Ɛpo ne abɔdeɛ a ɛwɔ mu nyinaa monworo so; asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa. Momma nsubɔntene mmɔ wɔn nsam, mmepɔ nka mmom nto ahurisie dwom;

AWURADE di ɔhene, momma amanaman no ho mpopo; ɔte nʼahennwa so wɔ Kerubim ntam, ma asase nwoso. AWURADE a ɔwɔ Sion yɛ kɛseɛ; wɔama ne so wɔ amanaman nyinaa mu. Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwanwa no. Ɔyɛ kronkron. Ɔhene no yɛ kɛseɛ, ɔdɔ atɛntenenee, woama pɛpɛyɛ atim; wayɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene wɔ Yakob mu. Momma AWURADE, yɛn Onyankopɔn so na monsɔre no wɔ ne nan ntiasoɔ anim; ɔyɛ kronkron.

Momma AWURADE yɛn Onyankopɔn so na monsɔre no wɔ ne bepɔ kronkron no so, na AWURADE yɛn Onyankopɔn yɛ kronkron.

Ayɛyie Dwom. Mommɔ ose mma AWURADE, asase nyinaa Momfa ahosɛpɛ nsom AWURADE; momfa anigyeɛ nnwom mmra nʼanim. Monhunu sɛ AWURADE yɛ Onyankopɔn; ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea; yɛyɛ ne nkurɔfoɔ ne nʼadidibea nnwan. Momfa aseda nhyɛne nʼapono mu na momfa nkamfo nkɔ nʼadihɔ; momfa aseda mma no, na monkamfo ne din. AWURADE yɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa; ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Dawid Dwom. Mɛto wo dɔ ne wo tenenee ho dwom; Ao AWURADE, mɛto ayɛyie dwom ama wo.

Amanaman no bɛsuro AWURADE din; asase so ahemfo nyinaa bɛdi wʼanimuonyam ni. AWURADE bɛkyekyere Sion bio, na wapue wɔ nʼanimuonyam mu.

Ahyɛaseɛ no, wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma. Ne nyinaa bɛtwam, na wo deɛ, wobɛtena hɔ daa; wɔbɛtete te sɛ atadeɛ. Wobɛsesa wɔn te sɛ ntoma na wɔbɛto wɔn agu. Nanso, wote sɛdeɛ woteɛ, na wo mfeɛ to rentwa da.

Dawid deɛ. Ao me kra, kamfo AWURADE; na me mu adeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no. Ao me kra, kamfo AWURADE, na mma wo werɛ mfiri ne nneyɛeɛ pa nyinaa,

AWURADE asi nʼahennwa wɔ soro, na nʼahennie di adeɛ nyinaa so.

Monkamfo AWURADE, mo a moyɛ nʼabɔfoɔ, mo atumfoɔ a moyɛ nʼahyɛdeɛ, mo a motie nʼasɛm. Monkamfo AWURADE, ɔsoro asafo nyinaa, nʼasomfoɔ a moyɛ nʼapɛdeɛ. Monkamfo AWURADE, ne nnwuma nyinaa deɛ ɛwɔ nʼaheman mu nyinaa. Ao me ɔkra, kamfo AWURADE!

Ao me ɔkra, kamfo AWURADE! Ao AWURADE me Onyankopɔn, woyɛ ɔkɛseɛ! Wɔafira tumi ne animuonyam. Ɔde hann akata ne ho sɛ atadeɛ; ɔtrɛ ɔsoro mu te sɛ ntomadan,

Ao AWURADE, wo nnwuma dɔɔso! Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa; wʼabɔdeɛ ahyɛ asase so ma. Ɛpo na ɛda hɔ tɛtrɛɛ hahanaa yi, a abɔdeɛ bebree a ɛnni ano, akɛseɛ ne nketewa ahyɛ no ma.

Ma AWURADE animuonyam ntena hɔ daa; ma AWURADE ani nnye ne nnwuma ho, deɛ ɔhwɛ asase na ɛwosoɔ, na ɔde ne nsa ka mmepɔ a wisie firi mu ba. Mɛto dwom ama AWURADE me nkwa nna nyinaa; sɛ mete ase yi, mɛto ayɛyie dwom ama me Onyankopɔn. Ɔmma mʼakoma mu mpaeɛbɔ nsɔ nʼani ɛberɛ a meregye mʼani wɔ AWURADE mu yi. Ma nnebɔneyɛfoɔ nyera wɔ asase so; na amumuyɛfoɔ ase nhye. Ao me ɔkra, kamfo AWURADE. Kamfo AWURADE.

Ɛda AWURADE ase na da ne kɛseyɛ adi. Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ. Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no; monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa. Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu; momma wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no nnya akoma mu anigyeɛ. Momma mo ani nna AWURADE ne nʼahoɔden so; na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara. Monkae anwanwadeɛ a wayɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ, ne atemmuo a ɔbuiɛ,

Monkamfo AWURADE! Monna AWURADE ase na ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Hwan na ɔbɛtumi aka nneɛma akɛseɛ a AWURADE ayɛ? Anaasɛ ɔbɛtumi aka ne nkamfo awie?

Gye yɛn, Ao AWURADE yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn, na boaboa yɛn ano firi amanaman so, na yɛada wo din kronkron no ase, na yɛde nkamfo ahyɛ wo animuonyam. Ayɛyie nka AWURADE, Israel Onyankopɔn, ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten. Momma nnipa no nyinaa nka sɛ, “Amen!” Monkamfo AWURADE.

Monna AWURADE ase na ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

Wɔmma ne so wɔ asafo no mu na wɔnkamfo no wɔ mpanimfoɔ nhyiamu ase.

Dawid dwom. Ao Onyankopɔn, mʼakoma atɔ me yam; mede me kra nyinaa bɛto wʼayɛyie dwom. Monyane, sankuo ne bɛnta! Mɛnyane anɔpahema. Ao AWURADE, mɛkamfo wo wɔ aman no mu; mɛto wo ho dwom wɔ nnipa no mu. Wʼadɔeɛ so, ɛkorɔn sene ɔsoro; wo nokorɛdie duru ewiem. Ao Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro, na ama wʼanimuonyam aba asase nyinaa so.

Mede mʼano bɛma AWURADE so ayɛ no kɛseɛ; mɛkamfo no wɔ nnipadɔm mu.

Monkamfo AWURADE! Mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ama AWURADE so wɔ ateneneefoɔ adwabɔ ne asafo no mu. AWURADE nnwuma yɛ kɛseɛ; wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susu ho. Ne nnwuma yɛ tumi ne animuonyam, na ne tenenee wɔ hɔ daa.

Ɔde ɔgyeɛ maa ne nkurɔfoɔ; ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ, ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu. AWURADE suro yɛ nyansa mfitiaseɛ; wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so nyinaa wɔ nhunumu pa. Ɔno na daa ayɛyie wɔ no.

Monkamfo AWURADE. Ao, mo AWURADE asomfoɔ, monkamfo no, monkamfo AWURADE din. Momma wɔnkamfo AWURADE din, seesei ne daa nyinaa. Ɛfiri baabi a owia pue kɔsi faako a ɔkɔtɔ, ma wɔnkamfo AWURADE din.

Wɔama AWURADE so aman nyinaa so, nʼanimuonyam tra ɔsorosoro. Hwan na ɔte sɛ AWURADE yɛn Onyankopɔn, Ɔbaako no a ɔdi ɔhene wɔ ɔsorosoro, ɔno na ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔsorosoro ne asase.

Ɛnyɛ yɛn, Ao AWURADE, ɛnyɛ yɛn na wo din na animuonyam nka, wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti.

Yɛn na yɛma AWURADE so ɛnnɛ ne daa nyinaa. Monkamfo AWURADE.

Mɛbɔ aseda afɔdeɛ ama wo na mabɔ AWURADE din. Mɛdi me bɔ a mahyɛ AWURADE no so wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim, wɔ adihɔ a ɛwɔ AWURADE fie wɔ wo mfimfini, Ao Yerusalem. Monkamfo AWURADE.

Aman nyinaa, monkamfo AWURADE; mo nnipa nyinaa, momma ne din so. Nʼadɔeɛ so wɔ yɛn so, na AWURADE nokorɛ wɔ hɔ daa. Monkamfo AWURADE.

Momma wɔn a wɔsuro AWURADE nka sɛ, “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.”

Wɔapagya AWURADE nsa nifa so; AWURADE nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ!”

Mɛda wo ase ɛfiri sɛ wogyee me so; na woayɛ me nkwagyeɛ. Ɔboɔ a adansifoɔ no poeɛ no, abɛyɛ tweatiboɔ. AWURADE na ayɛ yei, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so. Ɛnnɛ yɛ ɛda a AWURADE ayɛ. Momma yɛn ani nnye na yɛnni ahurisie.

Woyɛ me Onyankopɔn, na meda wo ase; wone me Onyankopɔn, na mɛma wo so. Monna AWURADE ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

Mede akoma a emu teɛ bɛkamfo wo ɛberɛ a meresua wo mmara a ɛtene no.

Ɔdasuom, mesɔre de wʼaseda ma wo wo mmara a ɛtene enti.

Mekamfo wo mprɛnson da biara wo mmara a ɛtene no enti.

Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma; ɛfiri sɛ wokyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.

“Momma yɛnkɔ nʼatenaeɛ; momma yɛnsom wɔ ne nan ntiasoɔ hɔ.

Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ na monkamfo AWURADE.

Monkamfo AWURADE. Monkamfo AWURADE din; monkamfo no, mo AWURADE asomfoɔ, mo a mosom wɔ AWURADE fie, wɔ adihɔ a ɛwɔ yɛn Onyankopɔn fie. Monkamfo AWURADE ɛfiri sɛ ɔyɛ; monto ayɛyie dwom mma ne din, na ɛno na ɛyɛ anisɔ.

Momfiri Sion nkamfo AWURADE, monkamfo deɛ ɔte Yerusalem no. Monkamfo AWURADE.

Monna anyame mu Onyankopɔn ase. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. Monna awuranom mu Awurade no ase. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

Monna ɔsorosoro Onyankopɔn no ase. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

Dawid deɛ. Ao AWURADE, mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ayi wo ayɛ; mɛto wʼayɛyie dwom wɔ anyame no anim. Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akoto wo na makamfo wo din wɔ wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti ɛfiri sɛ wɔapagya wo din ne wʼasɛm no asene nneɛma nyinaa. Ɛberɛ a mesu mefrɛɛ wo no, wogyee me so; womaa me nyaa akokoɔduru ne nnamyɛ. Ao AWURADE, sɛ ahemfo a ɛwɔ ewiase nyinaa te wʼanomu asɛm a ma wɔn nkamfo wo. Ma wɔnto AWURADE akwan ho nnwom, na AWURADE animuonyam yɛ kɛseɛ.

Mekamfo wo, ɛfiri sɛ woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu. Wo nnwuma yɛ nwanwa. Menim ɛno yie pa ara.

Mepagya me nsa kyerɛ wo; wo ho sukɔm de me kra sɛ asase wesee.

Ao Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ ama wo; mɛto dwom wɔ sankuo a nhoma edu gu soɔ so ama wo,

Ayɛyie dwom. Dawid deɛ. Mɛma wo so, me Onyankopɔn, me Ɔhene; mɛkamfo wo din daa daa. Ɛda biara, mɛkamfo wo; na mama wo din so daa daa. AWURADE so, na ɔsɛ nkamfo kɛseɛ; obiara rentumi nsusu ne kɛseyɛ. Awoɔ ntoatoasoɔ baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ ɔfoforɔ; wɔbɛka wo nnwuma akɛseɛ ho asɛm. Wɔbɛka wʼanimuonyam ne wo tumi a ɛhran no ho asɛm, na mɛdwene wʼanwanwadwuma ho. Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm; na mapae mu aka wo nneyɛɛ akɛseɛ no akyerɛ. Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmorosoɔ no ho fa, na wɔde anigyeɛ ato wo tenenee ho dwom.

Ao AWURADE, wʼabɔdeɛ nyinaa bɛkamfo wo; na wʼahotefoɔ bɛma wo so. Wɔbɛka wʼahennie no animuonyam ho asɛm na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm, sɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhunu wo nnwuma akɛseɛ ne wʼahennie animuonyam a ɛhran no. Wʼahennie yɛ daa ahennie, na wo tumidie wɔ hɔ ma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa. AWURADE di ne bɔhyɛ nyinaa so, na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.

Mʼano bɛkamfo AWURADE. Ma abɔdeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no daa daa.

Monkamfo AWURADE. Ao me ɔkra, kamfo AWURADE! Mɛkamfo AWURADE me nkwa nna nyinaa; mɛto ayɛyi dwom ama me Onyankopɔn, sɛ mete ase yi.

Sion, AWURADE wo Onyankopɔn di ɔhene daa daa, wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. Monkamfo AWURADE.

Monkamfo AWURADE. Ɛyɛ sɛ wɔto ayɛyie dwom ma yɛn Onyankopɔn, ɛyɛ fɛ na ɛfata sɛ wɔkamfo no!

Ɔnim nsoromma no dodoɔ na ɔde obiara din frɛ no. Yɛn AWURADE so, na ne tumi yɛ kɛseɛ; yɛrente nʼase nwie. AWURADE wowa ahobrɛasefoɔ na ɔtoto amumuyɛfoɔ hwe fam. Monto aseda nnwom mma AWURADE. Momfa sankuo nto dwom mma yɛn Onyankopɔn.

Monkamfo AWURADE! Monkamfo AWURADE mfiri ɔsorosoro, monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea. Nʼabɔfoɔ nyinaa, monkamfo no, ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no. Owia ne ɔsrane, monkamfo no, nsoromma a ɛhran nyinaa, monkamfo no. Monkamfo no, ɔsoro mu ɔsoro ne mo nsuo a mowɔ ɔsoro atifi. Momma wɔn nyinaa nkamfo AWURADE din, ɛfiri sɛ ɔno na ɔhyɛeɛ na wɔbɔɔ wɔn. Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ; na wahyɛ nʼasɛm a ɛrentwam da.

Monkamfo AWURADE mfiri asase so, mo, ɛpo kɛseɛ mu abɔdeɛ ne ɛpo bunu nyinaa, anyinam ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne omununkum, ahum a moyɛ nʼapɛdeɛ, mo, mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa, nnua a ɛso aba ne ntweneduro nyinaa, wira mu mmoa ne anantwie, abɔdeɛ nketewa ne nnomaa a wɔtuo, asase ne amanaman nyinaa so ahemfo, mo, mmapɔmma ne asase sodifoɔ nyinaa, mmeranteɛ ne mmabaawa mmasiriwa ne mmɔfra nso. Ma wɔnkamfo AWURADE din, na ne din so sene edin biara; nʼanimuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so.

Monkamfo AWURADE. Monto dwom foforɔ mma AWURADE, monkamfo no wɔ ahotefoɔ asafo mu. Ma Israel ani nnye ne Yɛfoɔ mu. Ma Sion mma ani nnye wɔn Ɔhene mu. Ma wɔmfa asa nkamfo ne din na wɔmfa sankuo ne akasaeɛ nto dwom mma no. Na AWURADE ani sɔ ne nkurɔfoɔ; ɔde nkwagyeɛ kyɛ hyɛ ahobrɛasefoɔ. Momma ahotefoɔ nni ahurisie wɔ animuonyam yi mu; na wɔnto ahosɛpɛ dwom wɔ wɔn mpa so. Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anomu na ɛnyɛ akofena anofanu wɔ wɔn nsam,

Monkamfo AWURADE. Monkamfo AWURADE wɔ ne kronkronbea; monkamfo no wɔ ɔsoro tumi mu. Monkamfo no wɔ ne tumi mu nneyɛɛ ho; monkamfo no wɔ ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara soɔ ho. Momfa totorobɛnto nnyegyeeɛ nkamfo no, momfa asankuo ne bɛnta nkamfo no, momfa akasaeɛ ne asa nkamfo no, momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no, momfa kyankyan mmobɔmu so nkamfo no, momfa kyankyan nnyegyeeɛ nkamfo no. Momma deɛ ɛhome nyinaa nkamfo AWURADE. Monkamfo AWURADE.

AWURADE suro yɛ nyansa ahyɛaseɛ Ɔkronkronni no ho nimdeɛ yɛ nteaseɛ.

Hwan na waforo akɔ soro na wasiane aba fam? Hwan na wabɔ mframa boa wɔ ne nsa mu? Hwan na ɔde nʼatadeɛ abɔ nsuo boa? Hwan na ɔbɔɔ asase hahanaa yi? Ne din de sɛn, na ne ba barima nso din de sɛn? Sɛ wonim a ka kyerɛ me!

Ma ɔmfa nʼano mfeano no mfe mʼano, ɛfiri sɛ wo dɔ no yɛ ahomeka sene bobesa. Wʼaduhwam yi hwa a ɛyɛ ahomeka wo din te sɛ aduhwam a wɔahwie. Na ɛnyɛ nwanwa sɛ mmabaawa no dɔ woɔ! Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm! Ma ɔhene mfa me nkɔ ne piam. Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho. Yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa. Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!

Hwan na ɔfiri ɛserɛ so reba te sɛ wisie kumɔnn a ɛfiri kurobo, aduhwam ne adwadifoɔ pɛprɛ ahodoɔ mu, atutu ne ho yi?

Sɔre, atifi fam mframa! Bra, anafoɔ fam mframa! Bɔ fa me turo mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne hwa no bɛgyegye hɔ. Ma me dɔfoɔ mmra ne turo mu na ɔmmɛka ne nnuaba papa no nhwɛ.

Kɔhyɛne abotan no mu, fa wo ho kɔsie asase no mu ɛsiane AWURADE ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ nti!

Nnipa bɛdwane akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mu ne ntokuro a ɛdeda asase mu ɛsiane AWURADE ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti, ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.

Wɔbɛdwane akɔhyɛne abotan mu ntokuro mu ne abotan mpaapaeɛ mu ɛsiane AWURADE ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti, ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.

Afei, Bepɔ Sion ne wɔn a wɔboa wɔn ano wɔ hɔ nyinaa, AWURADE de wisie omununkum bɛkata wɔn so awia, na ɔde ogya dɛreɛ akata wɔn so anadwo; ntoma kyiniiɛ bɛkata animuonyam yi nyinaa so.

nanso Asafo AWURADE atɛntenenee bɛpagya no, na Kronkron Onyankopɔn de ne tenenee bɛda ne ho adi sɛ Ɔkronkronni.

Afe a ɔhene Usia wuiɛ mu no, mehunuu AWURADE sɛ ɔte ahennwa a, ɛkorɔn na wapagya so na nʼatadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie hɔ ma. Na serafim a wɔn mu biara wɔ ntaban nsia wɔ nʼAtifi. Wɔde ntaban no mmienu kata wɔn anim, na wɔde mmienu nso kata wɔn nan ho ɛnna wɔde mmienu nso tu. Na obiara team kyerɛ ne yɔnko sɛ, “Kronkron! Kronkron! Kronkron ne Asafo AWURADE; Nʼanimuonyam ahyɛ asase nyinaa so ma!” Wɔn nne nnyegyeeɛ maa apono ne aboboano wosooɛ, na wisie yɛɛ asɔrefie hɔ ma. Meteam kaa sɛ, “Me nnue! Memfata! Meyɛ onipa a mʼano ho nteɛ, na mete nnipa a wɔn ano ho nteɛ mu, Ɔhene, Otumfoɔ AWURADE na mʼani ahunu no yi.”

Ɛfiri sɛ, wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin, na amammuo no bɛda ne mmati so. Na wɔbɛfrɛ no Ɔfotufoɔ Nwanwani, Otumfoɔ Onyankopɔn, Daa Agya, Asomdwoeɛ Wura. Nʼamammuo no nkɔsoɔ ne nʼasomdwoeɛ bɛtena hɔ daa. Ɔbɛtena Dawid ahennwa so abu nʼahennie, Ɔde atɛntenenee ne teneneeyɛ bɛhyɛ aseɛ na wama atim afiri saa ɛberɛ no akɔsi daa apem. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ bɛyɛ yei.

AWURADE Honhom bɛtena no so: nyansa ne nteaseɛ Honhom, afotuo ne tumi Honhom, nimdeɛ ne AWURADE suro Honhom.

Saa ɛda no wobɛka sɛ, “Ɛda AWURADE ase, bɔ ne din Ma amanaman nhunu deɛ wayɛ, na pae mu ka sɛ wɔama ne din so. To dwom ma AWURADE, ɛfiri sɛ, wayɛ deɛ ɛwɔ animuonyam bebree. Da yei adi kyerɛ ewiase nyinaa. Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a mowɔ Sion, ɛfiri sɛ, Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ kokuroko.”

Saa ɛda no, nnipa de wɔn ani bɛto wɔn Yɛfoɔ so na wɔadane wɔn ani ahwɛ Israel Ɔkronkronni no.

Nanso wɔn a aka no ama wɔn nne so, de anigye teateaam; ɛfiri atɔeɛ fam, wɔkamfo AWURADE kɛseyɛ. Enti apueeɛ fam, monhyɛ AWURADE animuonyam; momma AWURADE din so, Israel Onyankopɔn no, wɔ nsupɔ a ɛwɔ ɛpo so.

Ao, AWURADE, wone me Onyankopɔn; mɛma wo so na mayi wo din ayɛ, ɛfiri sɛ wofiri nokorɛdie mu ayɛ anwanwadeɛ bebree, nneɛma a wɔahyehyɛ firi teteete. Woayɛ kuropɔn no mmubuiɛ sie, kuro no a ɛwɔ banbɔ no asɛe; ananafoɔ abandenden no nyɛ kuropɔn bio; na wɔrensi bio. Enti aman a wɔyɛ den bɛdi wo ni atutupɛfoɔ aman bɛhyɛ wo animuonyam.

Fa wo ho to AWURADE so afebɔɔ, ɛfiri sɛ, AWURADE yɛ daa Botan.

Saa ɛda no Asafo AWURADE bɛyɛ Animuonyam ahenkyɛ, nhwiren abotire fɛfɛ ama ne nkurɔfoɔ nkaeɛfoɔ no.

Na mobɛto dwom te sɛ anadwo a modi afahyɛ kronkron no; mo akoma bɛdi ahurisie te sɛ ɛberɛ a nnipa de atɛntɛbɛn foro kɔ AWURADE bepɔ no so kɔ Israel Ɔbotan no nkyɛn. AWURADE bɛma nnipa ate nʼaberempɔn nne, na ɔbɛma wɔahunu ne basa a ɛresiane na ɛde abufuhyeɛ ne ogya a ɛhye nneɛma, osutɔ denden, aprannaa ne ampariboɔ reba.

Mo ani bɛhunu ɔhene no wɔ nʼanimuonyam mu na moahunu asase a ɛtrɛ kɔ akyirikyiri no.

Na AWURADE ne yɛn ɔtemmufoɔ, AWURADE ne yɛn mmarahyɛfoɔ, AWURADE ne yɛn ɔhene; na ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.

na wɔn a AWURADE agye wɔn no bɛsane aba. Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion; anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛ. Wɔbɛnya anigyeɛ ne ahosɛpɛ mmorosoɔ, na awerɛhoɔ ne apinisie bɛdwane akɔ.

AWURADE bɛgye me nkwa, na yɛde ahoma nnwontodeɛ bɛto nnwom yɛn nkwa nna nyinaa wɔ AWURADE efie.

Na AWURADE animuonyam bɛda adi, na nnipa nyinaa bɛhunu. Ɛfiri sɛ AWURADE na aka!”

Hwan na wasusu nsuo wɔ ne nsam anaa ɔde ne nsateaa asusu ɔsoro? Hwan na ɔde asase so mfuturo agu kɛntɛn mu, anaa wakari mmepɔ wɔ nsania so ne nkokoɔ wɔ nsania apampaa so?

Wonnim anaa? Wonteeɛ anaa? Wɔnnka nkyerɛɛ wo firi ahyɛaseɛ no anaa? Ɛfiri ɛberɛ a wɔbɔɔ asase no, wontee aseɛ anaa? Ɔte ahennwa so wɔ asase kanko no atifi. Ɛso nnipa te sɛ ntutummɛ ɔtwe ɔsoro mu te sɛ ntwamutam, na ɔde yɛ ntomadan tena mu. Ɔma ahenemma yɛ nnipa hunu na ewiase yi sodifoɔ nso, ɔbrɛ wɔn ase.

Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro: Hwan na ɔbɔɔ yeinom nyinaa? Deɛ ɔyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako, na ɔbɔ obiara din de frɛ no. Nʼahoɔden ne ne tumi enti wɔn mu baako mpo nnyeraeɛ.

Wonnim anaa? Wonteeɛ anaa? AWURADE yɛ daapem Onyankopɔn, na ɔyɛ asase nyinaa yɛfoɔ. Ɔremmrɛ na ɔrentɔ bera, na ne nhunumu nni nhwehwɛmu.

Wobɛhuhu wɔn so, mframa bɛma wɔn so, na ahum abɔ wɔn akɔ. Nanso wʼani bɛgye wɔ AWURADE mu na woahyɛ Israel Ɔkronkronni no animuonyam.

“Mene AWURADE; me din ne no! Meremfa mʼanimuonyam mma obi anaa mʼayɛyie mma ahoni. Hwɛ, nneɛma dada no atwam, na nneɛma foforɔ no mepae mu ka; ansa na ɛbɛba mu no meka kyerɛ mo.” Monto dwom foforɔ mma AWURADE! Nʼayɛyie mfiri asase ano, mo a mokɔ ɛpo so ne deɛ ɛwo mu nyinaa, mo nsupɔ ne wɔn a wɔtete so nyinaa. Ma anweatam ne ɛso nkuro mma wɔn nne so; ma atenaeɛ a Kedar te soɔ no nsɛpɛ wɔn ho. Ma nnipa a wɔwɔ Sela nto anigye dwom; ma wɔn nteam mfiri mmepɔ no atifi! Ma wɔnhyɛ AWURADE animuonyam; na wɔmpae mu nka nʼayɛyie no wɔ nsupɔ no so.

obiara a me din da no so, deɛ mebɔɔ no de hyɛɛ me ho animuonyam, deɛ menwenee no na meyɛɛ no.”

“Mone mʼadansefoɔ, ne me ɔsomfoɔ a mapa no,” sei na AWURADE seɛ, “sɛdeɛ mobɛhunu na moagye me adie na moate aseɛ sɛ me ne no. Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim, na mʼakyi nso obiara remma. Me, Me ara, Mene AWURADE, na agyenkwa biara nni hɔ sɛ me.

Mene AWURADE, wo Kronkronni no, Israel Yɛfoɔ, wo Ɔhene.”

nnipa a meyɛɛ wɔn maa me ho sɛ wɔmpae mu nka mʼayɛyie.

“Sei na AWURADE Israelhene ne Ɔgyefoɔ, Asafo AWURADE seɛ: Mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ; Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ me.

Momfa ahosɛpɛ nto dwom, Ao ɔsorosoro, na AWURADE na wayɛ yei. Mommɔ ose, Ao, asase ase. Momma nnwontoɔ so, mo mmepɔ, mo kwaeɛ ne emu nnua nyinaa, na AWURADE agye Yakob, wada nʼanimuonyam adi wɔ Israel.

Mene AWURADE, obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho. Ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ, nanso mɛhyɛ wo den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛfiri deɛ owia pue kɔsi beaeɛ a ɛtɔ no nnipa bɛhunu sɛ obiara nka me ho. Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio. Meyɛ hann, na mebɔ esum. Mede yiedie ba na mede ɔhaw ba; Me, AWURADE, na meyɛ yeinom nyinaa.

Na sei na AWURADE seɛ, deɛ ɔbɔɔ ɔsorosoro no ɔno ne Onyankopɔn; deɛ ɔmaa asase, na ɔbɔeɛ no, ɔno na ɔtoo ne fapem; wammɔ no sɛ ɛso nna hɔ kwa, mmom ɔyɛeɛ sɛ nnipa ntena so, ɔka sɛ: “Me ne AWURADE, na obi nni hɔ.

“Monnane mmra me nkyɛn na monnya nkwa, mo a mowɔ asase ano nyinaa; ɛfiri sɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ. Maka me ho ntam, mʼano aka wɔ nokorɛdie nyinaa mu, asɛm a wɔntwe nsane sɛ: obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim. Na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn.

Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no; Me ne Onyankopɔn, na obi nni hɔ; Me ne Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me. Meda awieeɛ adi firi ahyɛaseɛ, ɛfiri tete, meka deɛ ɛrennya mmaeɛ. Meka sɛ: Mʼatirimpɔ bɛgyina, na mɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.

Yɛn Gyefoɔ, Asafo AWURADE ne ne din, ɔno ne Israel Kronkronni.

“Tie me, Ao, Yakob, Israel a mafrɛ no; Me ne no; Me ne Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ. Me ara me nsa na ɛtoo asase fapem, na me nsa na ɛtrɛɛ ɔsorosoro mu; sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa bɔ mu sɔre.

Sei na AWURADE seɛ, Ɔgyefoɔ ne Israel Ɔkronkronni no de asɛm yi kɔma deɛ ɔman no buu no animtia na wɔkyirii no, deɛ ɔyɛ sodifoɔ ɔsomfoɔ no: “Ahene bɛhunu wo na wɔasɔre ahenemma bɛhunu wo na wɔakoto wo ɛsiane AWURADE a ɔyɛ nokwafoɔ, Israel ɔkronkronni a wayi woɔ no enti.”

Momfa anigyeɛ nteam, Ao ɔsoro; di ahurisie, Ao asase; monto nnwom, Ao mmepɔ! Na AWURADE kyekye ne nkurɔfoɔ werɛ, na ɔbɛhunu nʼamanehunufoɔ mmɔbɔ.

Montie! Mo awɛmfoɔ ma wɔn nne so; wɔbɔ mu de anigye team. Sɛ AWURADE sane ba Sion a, wɔde wɔn ani bɛhunu. Mommɔ mu nto anigye nnwom, mo Yerusalem mmubuiɛ, ɛfiri sɛ, AWURADE akyekye ne nkurɔfoɔ werɛ; wagye Yerusalem.

Na wo Bɔfoɔ yɛ wo kunu Asafo AWURADE ne ne din, Israel Ɔkronkronni no yɛ wo Gyefoɔ. Wɔfrɛ no asase nyinaa so Onyankopɔn.

Mode ahosɛpɛ bɛpue na wɔagya mo kwan asomdwoeɛ mu; mmepɔ ne nkokoɔ bɛto nnwom wɔ mo anim, na mfuo so nnua nyinaa bɛbɔ wɔn nsam.

Na yei ne deɛ ɔkorɔn no, deɛ ɔte ase daa a ne din yɛ kronkron no seɛ: “Mete beaeɛ a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron, me ne deɛ ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te, sɛ mɛkanyane honhom mu hiani no honhom, na makanyane nʼakoma a abubu no.

Owia renyɛ wo hann adekyeɛ mu bio na ɔsrane hann renhyerɛn wo so, ɛfiri sɛ, AWURADE bɛyɛ wo daapem hann, na wo Onyankopɔn bɛyɛ wo animuonyam. Wʼawia rentɔ bio, wo srane rennum bio, AWURADE bɛyɛ wo daapem hann, na wʼawerɛhoɔ nna to bɛtwa. Na afei wo nkurɔfoɔ nyinaa bɛyɛ teneneefoɔ na wɔbɛfa asase no adi so afebɔɔ. Wɔyɛ adeɛ a madua na afefɛ me nsa ano adwuma a ɛbɛda mʼanimuonyam adi.

na memma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ wɔ Sion no deɛ wɔhia, na menhyɛ wɔn ahenkyɛ fɛfɛ nsi nsõ anan mu; anigyeɛ ngo nsi awerɛhoɔdie anan mu, ayɛyie atadeɛ nsi abasamutuo honhom anan mu. Wɔbɛfrɛ wɔn tenenee adum deɛ AWURADE adua de ada nʼanimuonyam adi.

Deɛ ɔsomaa nʼanimuonyam basa a ɛwɔ tumi sɛ ɔmmɛgyina Mose nsa nifa so, deɛ ɔpaee nsuo no mu wɔ wɔn anim, de gyee edin maa ne ho afebɔɔ,

Nanso wo ara wo ne yɛn Agya ɛwom sɛ Abraham nnim yɛn na Israel nso nnye yɛn nto mu deɛ; nanso wo, Ao AWURADE, wo ne yɛn Agya, ɛfiri tete wo din ne Yɛn Gyefoɔ.

Nanso, Ao AWURADE, wo ne yɛn Agya. Yɛyɛ dɔteɛ, na wo ne ɔnwomfoɔ no; yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.

Yei ne deɛ AWURADE seɛ: “Ɔsoro yɛ mʼahennwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ. Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me? Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me?

“Sɛdeɛ ɔsorosoro foforɔ ne asase foforɔ bɛtena hɔ no, saa ara na mo din ne mo asefoɔ bɛtena hɔ,” sɛdeɛ AWURADE seɛ nie. “Ɛfiri Ɔsrane Foforɔ baako kɔpem foforɔ, ɛfiri Homeda baako kɔsi foforɔ no, adasamma nyinaa bɛba abɛkoto me,” sɛdeɛ AWURADE seɛ nie.

Ɛnsɛ sɛ mosuro me anaa?” Sei na AWURADE seɛ. “Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ mʼanim anaa? Mede anwea ato hyeɛ ama ɛpo, ɛhyeɛ a ɛwɔ hɔ daa a ɛrentumi ntra. Asorɔkye bɛbɔ nanso ɛrentumi mmu mfa so; ɛbɛhuru so nanso ɛrentumi ntra.

Nanso, AWURADE ne nokorɛ Onyankopɔn no; ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ, daapem Ɔhene no. Sɛ ne bo fu a, asase woso; na amanaman no ntumi nnyina nʼabufuhyeɛ ano.

Monto dwom mma AWURADE! Monyi AWURADE ayɛ! Ɔgye ohiani nkwa firi amumuyɛfoɔ nsam.

Obi bɛtumi de ne ho asie baabi a merentumi nhunu no anaa?” AWURADE na ɔseɛ. “Menyɛɛ ɔsoro ne asase so ma anaa?” AWURADE na ɔseɛ.

“Na mʼasɛm nte sɛ ogya?” AWURADE na ɔseɛ, “Ɛnte sɛ asaeɛ a ɛpaapae ɔbotan mu nketenkete anaa?

Mobɛhwehwɛ me na mobɛhunu me, sɛ mode mo akoma nyinaa hwehwɛ me dea.

“Ao, Otumfoɔ AWURADE, wo na wonam wo tumi ne wo basa a woatene muo so abɔ ɔsoro ne asase. Biribiara nyɛ den mma wo. Woyi ɔdɔ adi kyerɛ mpempem, nanso wotua agyanom amumuyɛ so ka gu wɔn mma a wɔdi wɔn akyi srɛ so. Ao, Onyankopɔn a woso na wowɔ tumi, wo din ne Asafo AWURADE,

“Mene AWURADE adasamma nyinaa Onyankopɔn. Na biribi yɛ den dodo ma me anaa?

ahurisie ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔ ne ayeforɔkunu nne ne wɔn a wɔde aseda afɔrebɔdeɛ reba AWURADE efie nne sɛ, “ ‘Momfa aseda mma Asafo AWURADE, ɛfiri sɛ AWURADE yɛ, na ne dɔ wɔ hɔ daa.’ ” Na mɛsane de asase no so nnepa a ɛwɔ hɔ dada no aba bio, AWURADE, na ɔseɛ.

Sɔre, su denden anadwo ɔdasuom mfitiaseɛ; hwie wʼakoma mu nsɛm sɛ nsuo gu AWURADE anim. Ma wo nsa so kyerɛ no wo mma nkwa enti, wɔn a ɛkɔm ama wʼatotɔ baha wɔ mmɔntene so.

Momma yɛmma yɛn akoma ne yɛn nsa so, nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka sɛ:

Wo, Ao AWURADE, di ɔhene afebɔɔ; wʼahennwa firi awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ.

Ateasefoɔ no tu teneeɛ no, metee wɔn ntaban no nnyegyeɛ, a ɛte sɛ nsuo a ɛreworo so, te sɛ Otumfoɔ no nne, anaa akodɔm hooyɛ. Sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu. Na ɛnne bi firi ntrɛmu a ɛkata wɔn so no atifi baeɛ, ɛberɛ a wɔagyaagyaa wɔn ntaban mu na wɔgyinagyina hɔ no. Na biribi a ɛte sɛ aboɔdemmoɔ ahennwa wɔ ntrɛmu a ɛkata ateasefoɔ no atifi so, na biribi a ɛte sɛ onipa te ahennwa so wɔ soro hɔ. Mehunuu sɛ, ɛfiri deɛ ayɛ sɛ nʼasene mu rekɔ ne soro no, na ɔte sɛ dadeɛ a adɔ kɔɔ sɛ ogya a ano asɔ, na ɛfiri hɔ reba ne fam no, na ɔte sɛ egyadɛreɛ; na hann a ɛhyerɛn atwa ne ho ahyia. Sɛdeɛ nyankontɔn to wɔ omununkum mu osutɔ ɛda no, saa ara na hann a atwa ne ho ahyia no teɛ. Yei yɛ AWURADE animuonyam ahoyie no sɛso. Na mehunuuɛ no, me de mʼanim butuu fam, na metee obi a ɔrekasa nne.

Na Honhom no pagyaa me kɔɔ soro na metee sɛ nnyegyeeɛ denden bi reworo so wɔ mʼakyi sɛ, Nhyira nka AWURADE animuonyam wɔ deɛ ɔteɛ hɔ!

Enti mesɔre kɔɔ ɛserɛ no so. Na AWURADE animuonyam te sɛ deɛ mehunuu wɔ Asubɔnten Kebar ho no gyina hɔ, na mede mʼanim butuu fam.

Na ɛhɔ, mʼanim no na na Israel Onyankopɔn animuonyam wɔ, te sɛ anisoadehunu a menyaa no wɔ ɛserɛ so no.

Na AWURADE animuonyam pagyaa ne ho firii Kerubim no atifi kɔɔ asɔredan no aboboano. Omununkum no yɛɛ asɔredan no ma na AWURADE animuonyam hyerɛn yɛɛ adihɔ hɔ ma. Kerubim ntaban no nnyegyeeɛ no, na wɔte wɔ mfikyire fam adihɔ hɔ te sɛ Otumfoɔ Onyankopɔn nne, ɛberɛ a ɔrekasa.

Afei, AWURADE animuonyam no firii asɔredan no aboboano na ɛkɔgyinaa Kerubim no atifi. Merehwɛ no, Kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu pagyaa wɔn ho firii fam na ntwahonan no ne wɔn kɔɔeɛ. Wɔkɔgyinaa AWURADE efie ɛpono a ɛwɔ apueeɛ fam no ano, na na Israel Onyankopɔn animuonyam wɔ wɔn atifi.

Afei, Kerubim no ne wɔn ntwahonan trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu, na Israel Onyankopɔn animuonyam konkɔnn wɔn so. AWURADE animuonyam pagyaa ne ho firii kuropɔn no mu kɔgyinaa bepɔ a ɛwɔ apueeɛ fam no atifi.

Enti mɛda me kɛseyɛ ne me kronkronyɛ adi, na mama amanaman ahunu me. Afei wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE no.’

na mehunuu Israel Onyankopɔn animuonyam sɛ apue wɔ apueeɛ fam reba. Na ne nne te sɛ nsusenee nworosoɔ ano den, na asase no so hyerɛnee wɔ nʼanimuonyam no mu. Anisoadehunu a menyaeɛ no te sɛ deɛ menyaa no ɛberɛ a ɔba bɛsɛee kuropɔn no ne deɛ menyaa wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na mede mʼanim butuu fam. AWURADE animuonyam faa ɛpono a ani kyerɛ apueeɛ fam no mu hyɛnee asɔredan no mu. Na honhom no pagyaa me de me baa mfimfini adihɔ hɔ na AWURADE animuonyam hyɛɛ asɔredan no ma. Ɛberɛ a ɔbarima no gyina me ho no, metee sɛ obi rekasa firi asɔredan no mu kyerɛ me. Ɔkaa sɛ, “Onipa ba, ɛha ne mʼahennwa siberɛ ne me nan ntiasoɔ. Ɛha na mɛtena wɔ Israelfoɔ mu afebɔɔ. Israel efie rengu me din ho fi bio da; wɔn anaa wɔn ahemfo remfa wɔn adwamammɔ ne ahemfo no ahoni a nkwa nni mu a wɔwɔ wɔn sorɔnsorɔmmea no rengu me din ho fi.

Afei, ɔbarima no de me faa atifi fam abɔntenpono no mu de me baa asɔredan no anim. Mehwɛeɛ na mehunuu AWURADE animuonyam sɛ ahyɛ AWURADE asɔredan no ma, na mebutuu hɔ.

Anadwo no, ɔdaa kɔkoamsɛm no adi kyerɛɛ Daniel wɔ anisoadehunu mu. Na Daniel kamfoo ɔsoro Onyankopɔn na ɔkaa sɛ, “Nkamfoɔ nka Onyankopɔn din daa nyinaa, ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi. Ɔno na ɔsesa mmerɛ ne nnipa hyɛberɛ; ɔsi ahene, na ɔtu wɔn adeɛ so. Ɔma anyansafoɔ hunu nyansa, na ɔma nhunumu ho nimdeɛ. Ɔda nneɛma a emu dɔ na ɛyɛ nwanwa adi, na ɔnim deɛ ahinta wɔ sum mu; hann atwa ne ho ahyia. Meda wo ase, kamfo wo mʼagyanom Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, woama me nyansa ne tumi; woaka deɛ yɛbisaa wo akyerɛ me, ada deɛ ɔhene bisaeɛ no adi akyerɛ yɛn.”

“Saa ahemfo no adedie mu no, Ɔsoro Onyankopɔn bɛbɔ ahemman bi atenaseɛ a ɛrensɛe da; na obiara renni so da. Ɛbɛdwɛre ahemman ahodoɔ yi nyinaa de wɔn aba awieeɛ, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina afebɔɔ.

Saa ɛberɛ yi twaam no, me, Nebukadnessar, memaa mʼani so hwɛɛ soro. Mʼani baa me ho so, na mekamfo Ɔsorosoroni no, na metontom deɛ ɔte aseɛ daa no meyii no ayɛ sɛ: Ne tumi yɛ daa tumi, Na nʼahennie tene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Afei, me Nebukadnessar, mekamfo ma no so, hyɛ ɔsorohene animuonyam, de anidie ma no. Ne nneyɛeɛ nyinaa yɛ pɛ, na ɛyɛ nokorɛ, na ɔbɛtumi abrɛ ahantanfoɔ ase.

“Megu so rehwɛ no, “mehunuu sɛ, wɔde nhennwa bɛsisii hɔ, na Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no bɛtenaa ase. Na nʼatadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; na ne tirinwi hoa sɛ odwan nwi. Nʼahennwa dɛre sɛ ogyaframa na nʼahennwa nhankra nso dɛree framfram. Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten tene firii nʼanim baeɛ. Abɔfoɔ mpempem kotoo no, na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim. Abadwafoɔ no tenaa ase, na wɔhyɛɛ aseɛ buebuee nwoma mu.

“Anadwo a menyaa mʼanisoadehunu no, mehwɛ hunuu obi te sɛ onipa ba no a ɔnam ɔsoro omununkum mu reba. Ɔbɛn Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no, wɔdii nʼanim kɔɔ ne nkyɛn. Wɔmaa no tumi, animuonyam ne adehyetumi; na aman ne kasa ahodoɔ nyinaa somm no. Nʼahennie yɛ daa ahennie a ɛtoɔ rentwa da. Nʼahemman yɛ deɛ ɛrensɛe da.”

Nanso, Ɔsorosoroni no ahotefoɔ no bɛgye ahemman no na wɔafa no afebɔɔ.’

Afei, wɔde ahennie ne tumi ne kɛseyɛ a ɛwɔ ahemman a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa bɛma ahotefoɔ, Ɔsorosoroni no nkurɔfoɔ. Na nʼahemman bɛtena hɔ daa, na ahemfo nyinaa bɛsɔre no na wɔayɛ ɔsetie ama no.’

Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nnwankuo wɔ AWURADE ahoɔden mu, wɔ AWURADE ne Onyankopɔn din kɛseyɛ mu. Na wɔbɛtena asomdwoeɛ mu, na afei ne kɛseyɛ bɛduru asase awieeɛ.

Mmepɔ woso biribiri nʼanim na nkokoɔ nane. Asase, ewiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa woso nʼanim.

Na AWURADE animuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase nyinaa ma, sɛdeɛ nsuo hyɛ ɛpo ma no.

Onyankopɔn firi Teman baeɛ, Ɔkronkronni a ɔfiri Bepɔ Paran so, Nʼanimuonyam kata ɔsoro, na nʼayɛyie hyɛ asase so ma. Ɔhyerɛn sɛ anɔpawia. Ɛhan no twa ogya firi ne nsam, Ɛhɔ na ne tumi ahinta.

Mmepɔ hunuu wo, na wɔwosoeɛ Nsuohwiam bɛsene kɔeɛ. Ebunu no woro so, na ɛhuru baa soro.

Mɛwoso aman nyinaa, na aman nyinaa anidasoɔ bɛba, na mede animuonyam bɛhyɛ saa fie ha ma.’ Saa na Asafo AWURADE seɛ.

Na mʼankasa mɛyɛ ogya fasuo, atwa ho ahyia,’ sɛdeɛ AWURADE seɛ nie, ‘na mayɛ ne mu animuonyam.’

Enti ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yei ne AWURADE asɛm a ɔde rekɔma Serubabel: ‘Ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden nso so, na mmom, ɛnam me Honhom so,’ sɛdeɛ Asafo AWURADE seɛ nie.

Ɔno na ɔbɛsi AWURADE asɔredan no, na wɔbɛhyɛ no animuonyam, na ɔbɛtena nʼahennwa so adi ne ɔhene, na ɔbɛyɛ ɔsɔfoɔ wɔ nʼahennwa so. Afei asomdwoeɛ bɛba mmienu no ntam.’

Di ahurisie Ao, Ɔbabaa Sion! Team, Ɔbabaa Yerusalem! Hwɛ, wo ɔhene reba wo nkyɛn. Ɔtene na ɔwɔ nkwagyeɛ, ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumu ba so na ɔteɛ.

Saa ɛda no, ɔde nʼanammɔn bɛsisi Ngo Bepɔ a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ fam no so, na Ngo Bepɔ no mu bɛpae mmienu afiri apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam na ayɛ bɔnhwa kɛseɛ. Ɛbɛma bepɔ no fa akɔ atifi fam, na ɛfa nso akɔ anafoɔ fam.

AWURADE bɛdi ɔhene wɔ asase nyinaa so. Saa ɛda no, AWURADE bɛyɛ baako na ne din nso ayɛ baako pɛ.

Ɛnna wɔn a wɔsuro AWURADE no ne wɔn ho wɔn ho kasaeɛ, na AWURADE tieeɛ na ɔgyee wɔn so. Wɔn a wɔsuro AWURADE na wɔdi ne din ni no, wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ nwoma mmobɔeɛ so wɔ nʼanim de yɛɛ nkaeɛ adeɛ.

“Ɔbaabunu no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔato no edin Immanuel” a aseɛ ne sɛ, “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.”

Saa ɛberɛ no ara mu na anyansafoɔ bi firi apueeɛ baa Yerusalem bɛbisaa sɛ, “Ɛhe na Yudafoɔ ɔhene a wɔawo no no wɔ? Yɛhunuu ne nsoromma wɔ apueeɛ nohoa enti na yɛaba sɛ yɛrebɛsom no.”

Wɔduruu efie a abɔfra no ne ne maame Maria wɔ no, wɔkoto sɔree no. Wɔde wɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhwam ne kurobo yɛɛ no ayɛ.

Wɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ɔfirii nsuo no mu, na hwɛ ɔsoro bueɛ. Ɔhunuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresiane ba ne so sɛ aborɔnoma. Ɛhɔ ara, ɛnne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba a ɔsɔ mʼani.”

Saa ara na momma mo nneyɛeɛ pa nna adi mma nnipa nhunu na wɔnam so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no animuonyam.

“Enti, saa ɛkwan yi so na momfa mmɔ mpaeɛ: “ ‘Yɛn Agya a wowɔ ɔsoro, wo din ho nte. Wʼahennie mmra. Deɛ wopɛ nyɛ hɔ wɔ asase so, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ ɔsoro.

Mma yɛnkɔ sɔhwɛ mu. Na yi yɛn firi ɔbɔnefoɔ no nsam.’

Asuafoɔ no ho dwirii wɔn yie. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?”

Mereka ama moate aseɛ sɛ, deɛ ɔkyɛn asɔrefie no wɔ ha!

Asuafoɔ a wɔwɔ kodoɔ no mu no de ahodwirie bɛkotoo Yesu kaa sɛ, “Onyankopɔn Ba ne wo ampa!”

Anwanwasɛm ni! Wɔn a wɔnkasaa da kasaeɛ; mpakye nyaa ahoɔden; na mmubuafoɔ nanteeɛ, hurihuriiɛ na anifirafoɔ hunuu adeɛ. Nnipadɔm no ho dwirii wɔn ma wɔkamfoo Israel Onyankopɔn.

Na me, Onipa Ba no, mɛba wɔ mʼagya animuonyam mu a mʼabɔfoɔ ka me ho na mabɛbu obiara nneyɛeɛ ho atɛn.

Wɔwɔ hɔ no, wɔhunuu sɛ ne onipadua asesa ama nʼanim ahyerɛn sɛ owia, ma nʼatadeɛ ayɛ fitafita sɛ nwera.

Petro gu so rekasa no, omununkum hann bi bɛkataa wɔn so ɛnna nne bi firi omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba a ɔsɔ mʼani. Montie no!” Asuafoɔ no tee nne no, wɔbɔɔ hu, maa wɔde wɔn anim butubutuu fam.

Yesu hwɛɛ wɔn buaa sɛ, “Onipa fa mu deɛ, ɛyɛ den; na Onyankopɔn fa mu deɛ, ɛyɛ mmerɛ.”

Yesu buaa sɛ, “Me, Agyenkwa no, metena mʼanimuonyam ahennwa no so a, nokorɛm mo mʼasuafoɔ yi nso bɛtena ahennwa dumienu no so na moabu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn.

“Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion sɛ wo ɔhene reba wo nkyɛn. Ɔdwo, na ɔte afunumu ne, afunumu ba so,” no mu den.

Ɛdɔm no tu teneeɛ de osebɔ teateaam sɛ, “Hosiana Dawid Ba!” “Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no.” “Hosiana wɔ ɔsoro nohoa!”

Nanso, ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi hunuu anwanwadeɛ yi na wɔtee nso sɛ mmɔfra nkumaa a wɔwɔ asɔrefie hɔ reteateam sɛ, “Nhyira nka Dawid Ba no” no, anyɛ wɔn dɛ. Enti, wɔbisaa Yesu sɛ, “Wote nsɛm a mmɔfra no reka no anaa?” Yesu buaa sɛ, “Aane. Na monkenkanee saa Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “ ‘Mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn ano kamfo wo’ no da anaa?”

Yesu buaa no sɛ, “ ‘Dɔ Awurade, wo Onyankopɔn, wʼakoma nyinaa mu ne wo ɔkra nyinaa mu ne wʼadwene nyinaa mu.’ Yei ne mmaransɛm no mu deɛ ɛdi ɛkan na ɛkyɛn ne nyinaa.

“Afei, Onipa Ba no ho nsɛnkyerɛnneɛ bɛda adi, na ɛsoro ne asase sofoɔ nyinaa bɛtwa agyaadwoɔ. Na ewiase amanaman bɛhunu me, sɛ mede tumi ne animuonyam nam ɛsoro omununkum mu reba. Na mɛsoma mʼabɔfoɔ a wɔrebɔ totorobɛnto aba, na wɔbɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano firi ɛsoro ano kɔka asase ano.

“Na sɛ Onipa Ba no ba nʼanimuonyam mu a abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, saa ɛberɛ no na ɔbɛtena nʼanimuonyam ahennwa no so. Na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano nʼanim. Na ɔbɛpa nnipa no mu sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ pa nnwan firi mpɔnkye mu;

Na wɔtoo dwom wieeɛ no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so.

Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Aane, woaka. Na daakye mobɛhunu me, Agyenkwa no, sɛ mete Onyankopɔn nifa na menam omununkum mu resane aba.”

Afei, wɔde Yesu bɛgyinaa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim. Ɔbisaa Yesu sɛ, “Wone Yudafoɔ Ɔhene no anaa?” Yesu buaa sɛ, “Wo na woaka.”

Wɔtwerɛɛ nsɛm a wɔka guu ne so no bi fam nʼatifi sɛ, “Yesu, Yudafoɔ Ɔhene No Ni.”

Wɔrekɔ no, prɛko pɛ, Yesu bɛgyinaa wɔn anim. Ɔkyeaa wɔn sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” Wɔbuu no nkotodwe, somm no.

Ɛhɔ na wɔhunuu no, koto sɔree no. Nanso, na wɔn mu bi nnye nni ara. Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.

Na wɔn ho dwirii wɔn yie, bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa bɛn ni a mframa ne ɛpo mpo tie no yi?”

Na obiara a saa nna bɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ me, Onipa Ba no, aniwu ɛberɛ a me ne mʼabɔfoɔ kronkron no bɛsane aba wɔ mʼAgya animuonyam mu no.”

Na omununkum bɛkataa wɔn so. Ɛnne bi firii omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba. Montie no.”

Yesu hwɛɛ wɔn dinn kaa sɛ, “Onipa fam deɛ, yei rentumi mma mu, na Onyankopɔn fam deɛ, biribiara bɛtumi aba mu.”

Na Yesu di nnipakuo no mfimfini a wɔn nyinaa reteateam sɛ, “Hosiana!” “Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba!” “Animuonyam nka Onyankopɔn sɛ yɛn agya Dawid ahennie reba.” “Hosiana wɔ ɔsorosoro!”

Yesu buaa no sɛ, “Deɛ ɛkyɛn ne nyinaa ne deɛ ɛka sɛ, ‘Israel, tie! Awurade, yɛn Onyankopɔn, yɛ Awurade korɔ; na dɔ Awurade wo Onyankopɔn firi wʼakoma ne wo kra ne wʼadwene ne wʼahoɔden nyinaa mu,’ no.

“Na nnipa nyinaa bɛhunu me, Agyenkwa no, sɛ mede tumi ne animuonyam nam omununkum mu reba.

Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.

Wɔtoo dwom bi wieeɛ no, wofirii hɔ kɔɔ Ngo Bepɔ no so.

Yesu buaa no sɛ, “Mene no, na mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyankopɔn nifa, na ɔnam omununkum mu resane aba asase so.”

Wɔde no duruu hɔ no, Pilato bisaa no sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?” Yesu buaa sɛ, “Mo na moseɛ.”

Asɛm bi a wɔka too no so na wɔtwerɛɛ taree nʼasɛnnua no atifi ka sɛ, Yudafoɔ Ɔhene.

Awurade Yesu ne wɔn kasa wieeɛ akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so.

Tie! Ɛrenkyɛre biara wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu. Ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Onyankopɔn Ba. Na Awurade de ne nana Dawid ahennwa no bɛma no. Na ɔbɛdi Yakob efie so ɔhene daa; na nʼahennie to rentwa da.” Maria bisaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Na ɛbɛyɛ dɛn na mawo wɔ ɛberɛ a ɔbarima nhunuu me da?” Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Onyankopɔn tumi abɛkata wo so, yei enti abɔfra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba.

Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn deɛ, biribiara nso no yɛ.”

Maria kaa sɛ, “Me ɔkra kamfo Awurade. Na me honhom ani gye mʼagyenkwa Onyankopɔn mu;

Ɛfiri sɛ, Ɔkronkronni Otumfoɔ no ayɛ ade kɛseɛ ama me;

Na yɛn nkwa nna nyinaa mu, yɛayɛ kronkron ne ateneneefoɔ wɔ nʼanim.

Amonom hɔ ara, abɔfokuo bɛkaa ɔbɔfoɔ a ɔwɔ hɔ no ho na wɔtoo ayɛyie dwom sɛ, “Animuonyam nka Ɔsorosoro Onyankopɔn, na asomdwoeɛ mmra wɔn a wɔsɔ nʼani wɔ asase so no so.”

Nnwanhwɛfoɔ no kɔhunuu deɛ abɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔde anigyeɛ sane wɔn akyi kɔɔ deɛ wɔn nnwan no wɔ hɔ. Wɔrekɔ no nyinaa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ.

Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Som Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ ”

Simon Petro hunuu deɛ aba no, ɔbuu Yesu nkotodwe kaa sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, firi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a mensɛ sɛ wobɛn me.”

Afei, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn na monni gyidie?” Wɔn nyinaa suroeɛ de ahodwirie bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ. “Onipa bɛn ni a mframa a ano yɛ den ne asorɔkye mpo tie no yi?”

Na deɛ nʼani bɛwu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso, da a me, Kristo bɛba wɔ me ne Agya no ne abɔfoɔ kronkron no animuonyam mu no, mʼani bɛwu ne ho.

Onyankopɔn tumi ne ne kɛseyɛ a ɛdaa adi wɔ honhommɔne no tu mu no maa nnipa no ho dwirii wɔn. Na wɔredwennwene deɛ asi yi ho no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ,

Saa ɛberɛ no ara mu, Yesu de Honhom Kronkron mu anigyeɛ bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɔsoro ne asasewura, meda wo ase sɛ wode saa nneɛma yi ahinta wɔn a wɔsusu sɛ wɔyɛ anyansafoɔ, na mmom woada nokorɛ no adi akyerɛ wɔn a wɔde ahobrɛaseɛ gye wo di sɛ mmɔfra no. Nanso, Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa.

Ɔbuaa no sɛ, “Mmara no ka sɛ, ‘Fa wʼakoma, ne wo kra, ne wʼahoɔden, ne wʼadwene nyinaa dɔ Awurade, wo Onyankopɔn, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!’ ”

Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ morebɔ mpaeɛ a, monka sɛ, “‘Agya, wo din ho nte, wʼahennie mmra.

Wɔn mu baako hunuu sɛ ne ho ayɛ no den no, ɔsanee nʼakyi de ahurisie yii Onyankopɔn ayɛ sɛ, “Animuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!” Ɔbɛkotoo Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi yɛ Samariani.

Yesu buaa sɛ, “Biribiara nni hɔ a Onyankopɔn ntumi nyɛ.”

Amonom hɔ ara, onifirani yi hunuu adeɛ, na ɔdii Yesu akyi, yii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔn a wɔhunuu ayaresa no nyinaa nso yii Onyankopɔn ayɛ.

Ɔduruu Ngo Bepɔ no so baabi a wɔrebɛsiane akɔ Yerusalem no, nʼakyidifoɔ no nyinaa de osebɔ kamfoo Onyankopɔn, yii no ayɛ wɔ Yesu anwanwadeɛ ahodoɔ a wayɛ no ho sɛ, “Nhyira nka ɔhene a ɔreba Awurade din mu no!” “Asomdwoeɛ ne animuonyam nka Onyankopɔn wɔ ɔsorosoro nohoa!” Farisifoɔ no bi a na wɔfra nnipakuo no mu no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, kasa kyerɛ wʼakyidifoɔ no na wɔmmua wɔn ano!” Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ wɔmua wɔn ano koraa a, aboɔ mpo bɛkamfo me, ayi me ayɛ.”

Saa ɛberɛ no na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne animuonyam a ɛso nam omununkum mu reba.

Ɔsoro ne asase bɛtwam, nanso me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.

Na ɛfiri saa ɛberɛ yi mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyame Otumfoɔ no nifa so.” Ɔkaa saa no, wɔn nyinaa bisaa no bio sɛ, “Ɛnneɛ na wone Onyankopɔn Ba no anaa?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Deɛ moreka no yɛ nokorɛ.”

Yei maa Pilato bisaa no sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?” Yesu buaa no sɛ, “Ɛno ara na woaka no.”

Wɔtwerɛɛ saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi wɔ asɛnnua no so sɛ, Yudafoɔ Ɔhene no ni.

Ɔsane kaa sɛ, “Yesu, woduru wʼAhennie mu a, kae me.”

Na wɔsɔree no de anigyeɛ sane kɔɔ Yerusalem. Na daa wɔwɔ asɔredan no mu hɔ yi Onyankopɔn ayɛ.

Ɛnam ne so na wɔbɔɔ adeɛ nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara.

Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtenaeɛ ma yɛhunuu nʼanimuonyam sɛ ɔba korɔ a ɔfiri Agya no nkyɛn a adom ne nokorɛ ahyɛ no ma.

Natanael kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, wone Onyankopɔn Ba, Israelhene no!”

Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛseɛ na me nso meyɛ ɔketewa. “Deɛ ɔfiri ɔsoro aba no yɛ ɔkɛseɛ sene obiara; Deɛ ɔfiri asase so no yɛ wiaseni na ɔkasa sɛ wiaseni.

Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Merema woate aseɛ sɛ berɛ bi bɛba a nnipa rensom Agya no wɔ saa bepɔ yi so anaa Yerusalem. Mo Samariafoɔ nnim deɛ mosom no. Nanso, yɛn Yudafoɔ deɛ, yɛnim deɛ yɛsom no, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ so na nkwagyeɛ nam ba. Nna bi reba, na mpo aba dada sɛ, nokorɛ asomfoɔ bɛsɔre Agya no wɔ Honhom ne nokorɛ mu. Yeinom ne asomfoɔ a Agya no hwehwɛ. Onyankopɔn yɛ Honhom, na wɔn a wɔsom no no, ɛsɛ sɛ wɔsom no Honhom ne nokorɛ mu.”

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛdi Ɔba no ni sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Obiara a ɔnni Ɔba no ni no, nni Agya a ɔsomaa no no nso ni.

Yesu sane toaa ne kasa no so ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Mene ewiase hann no. Obiara a ɔdi mʼakyi no rennante sum mu da, na ɔbɛnya hann a ɛkyerɛ nnipa ɛkwan ma wɔkɔ nkwa mu.”

Yesu buaa sɛ, “Mereka nokorɛ pefee akyerɛ mo sɛ, ansa na wɔrebɛwo Abraham no, na mete ase.”

Aberanteɛ no de anigyeɛ kaa sɛ, “Awurade, megye medi.” Afei, ɔkotoo Yesu.

Me ne Agya no yɛ baako.”

Yesu ka kyerɛɛ Marta sɛ, “Manka ankyerɛ wo sɛ, sɛ wogye di a wobɛhunu Onyankopɔn animuonyam?”

Adeɛ kyeeɛ no, nnipadɔm a wɔaba Twam Afahyɛ no tee sɛ Yesu reba Yerusalem no, wɔbubuu ɛberɛ de kɔhyiaa no ɛkwan de ahurisie teateaam sɛ, “Hosiana!” “Nhyira nka deɛ ɔreba wɔ Awurade din mu no!” “Nhyira nka Israelhene!” Yesu rekɔ no, na ɔte afunumu ba bi so sɛdeɛ Atwerɛsɛm hyɛɛ ho nkɔm sɛ, “Nsuro, Ɔbabaa Sion! Hwɛ sɛ wo ɔhene te afunumu ba so reba wo nkyɛn.”

Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛberɛ no aso sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no animuonyam.

Agya, hyɛ wo din animuonyam!” Ɔkasa wieeɛ no, nne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Mahyɛ no animuonyam dada na mɛsane mahyɛ no bio.”

Yuda firii adi kɔeɛ akyi no, Yesu kaa sɛ, “Afei na Onipa Ba no animuonyam ada adi; na Onyankopɔn nam Ɔba no so ada nʼanimuonyam adi. Na sɛ ɛnam Ɔba no so na Onyankopɔn animuonyam da adi a, Onyankopɔn nso nam ne tumi so bɛda Onipa Ba no animuonyam adi. Ɔbɛyɛ yei ntɛm so.

Na biribiara a mobɛbisa wɔ me din mu no, mɛyɛ ama mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Agya no animuonyam nam ne Ba no so bɛda adi.

Wɔn a wɔyɛ mʼasuafoɔ nokorɛ mu no so aba bebree de hyɛ mʼAgya animuonyam.

Yesu kaa saa nsɛm yi wieeɛ no, ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɛberɛ no aduru. Hyɛ wo Ba no animuonyam, na Ɔba no nso nhyɛ wo animuonyam. Womaa no nnipa nyinaa so tumi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛma wɔn a wode wɔn maa no no nkwa a ɛnni awieeɛ. Na ɛkwan a wɔnam so bɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ ne sɛ, wɔbɛhunu Onyankopɔn korɔ nokwafoɔ no, ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no! Medaa wʼanimuonyam adi kyerɛeɛ wɔ asase so na mewiee adwuma a wode hyɛɛ me nsa no yɛ. Na afei, Agya, fa animuonyam a mewɔ wɔ wʼanim ansa na worebɔ ewiase no hyɛ me wɔ wʼanim ha.

Wɔbuaa no sɛ, “Yesu a ɔfiri Nasaret no.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me ni!” Na Yuda a ɔyii no maeɛ no gyina hɔ bi. Yesu kaa sɛ, “Me ni” no, wɔpinpinii wɔn akyi na wɔhwehwee ase.

Pilato sane kɔɔ nʼahemfie hɔ kɔbisaa Yesu sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?”

Yesu buaa no sɛ, “Mʼahennie nnyɛ asase so ahennie; sɛ mʼahennie yɛ asase so ahennie a, anka mʼakyidifoɔ bɛko agye me afiri Yudafoɔ mpanimfoɔ no nsam. Mereka bio sɛ, mʼahennie nnyɛ asase so ahennie.” Pilato see no sɛ, “Ɛnneɛ na woyɛ ɔhene?” Yesu buaa no sɛ, “Wo na woseɛ sɛ meyɛ ɔhene. Adeɛ baako pɛ enti na wɔwoo me baa ewiase ha, sɛ memmɛdi nokorɛ ho adanseɛ. Obiara a ɔpɛ nokorɛ no tie me.”

Nanso, sɛdeɛ mo Twam Afahyɛ amanneɛ te no, afeɛ biara moma megyaa ɔdeduani baako ma mo. Mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ ɔhene no ma mo anaa?”

Pilato twerɛɛ sɛ: Yesu Nasareni, Yudafoɔ Ɔhene maa wɔde taree nʼasɛnnua no atifi. Esiane sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu ne kuro no mu ɛkwan nware, na bio wɔatwerɛ nsɛm no wɔ Hebri, Roma ne Hela kasa mu no enti, nnipa bebree hunu kenkaneeɛ. Yudafoɔ asɔfoɔ mpanin no ka kyerɛɛ Pilato sɛ, “Ntwerɛ sɛ, ‘Yudafoɔ ɔhene’ na mmom twerɛ sɛ, ‘Saa ɔbarima yi na ɔkaa sɛ, mene Yudafoɔ ɔhene!’ ” Pilato kaa sɛ, “Deɛ matwerɛ no, matwerɛ.”

Toma de ahonuo kaa sɛ, “Wo ne mʼAwurade ne me Onyankopɔn!”

Wɔahyɛ no animuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ɛho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so a ɛho nsɛnkyerɛnneɛ na mohunu na mote yi.

“Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hunu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asɛnnua mu.”

Ɔhuri gyinaa ne nan so, na ɔhyɛɛ aseɛ nanteeɛ. Afei, ɔne wɔn nyinaa kɔɔ asɔredan no mu a ɔrehurihuri, rekamfo Onyankopɔn.

Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam de no tenaa ne nsa nifa so sɛ Ɔhene ne Agyenkwa a ɛnam so bɛma Israelfoɔ asakyera wɔn adwene na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn.

“Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Worɔ wɔ mpaboa, ɛfiri sɛ, faako a wogyina no yɛ asase kronkron.

Nanso, Stefano a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro hunuu Onyankopɔn animuonyam ne Yesu Kristo sɛ ɔgyina Onyankopɔn nsa nifa so. Stefano kaa sɛ, “Mehunu sɛ ɔsoro abue na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nsa nifa so!”

Monim asɛmpa a ɛfa asomdwoeɛ ho a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ nnipa nyinaa Awurade no so de brɛɛ Israelfoɔ no.

Ɔdasuom a Paulo ne Silas rebɔ mpaeɛ reto nnwom ayi Onyankopɔn ayɛ, na nneduafoɔ a wɔwɔ hɔ no nso retie wɔn no, prɛko pɛ, asase wosoo dendeenden maa afiase no nnyinasoɔ nso wosoeɛ maa apono no nyinaa buebueeɛ, na nneduafoɔ no nyinaa nkɔnsɔnkɔnsɔn teteeɛ.

“Onyankopɔn a ɔbɔɔ ewiase ne nneɛma a ɛwɔ mu nyinaa no na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase. Awurade no nte asɔredan a nnipa asi mu.

Na Honhom Kronkron da no adi pefee sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba, ɛfiri sɛ, wɔnyanee no firii awufoɔ mu.

Ɛfiri ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ ewiase no, ne tumi a ɛwɔ hɔ daa no ne ne nyamesu no ada adi. Nnipa nam Onyankopɔn abɔdeɛ so tumi hunu saa nneɛma yi, enti wɔnni anoyie biara.

Wɔyɛ tete agyanom asefoɔ, na ɛsiane sɛ Kristo baa onipasu mu enti, ɔyɛ wɔn aseni. Ayɛyie nka Onyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa so otumfoɔ no daadaa. Amen.

Ao Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Hwan na ɔbɛtumi ahunu nʼatemmuo mu pɛɛpɛeɛ, na wɔahunu deɛ nʼakwan nenam. “Hwan na ɔnim Awurade adwene anaasɛ hwan na ɔyɛ ne fotufoɔ?”

Ɛfiri sɛ, adeɛ nyinaa firi ne mu na ɛba, na ɛnam ne so na ɛba, na ɛbɛsane akɔ ne nkyɛn bio. Ɔno na animuonyam wɔ no daa daa. Amen.

Ɛno enti, anuanom, ɛsiane Onyankopɔn ahummɔborɔ enti, mehyɛ mo sɛ momfa mo onipadua mmɔ afɔdeɛ a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Yei ne nokwasɛm a ɛsɛ sɛ mosɔ mu.

Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “ ‘Awurade ka sɛ, mete ase yi, obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim; na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn.’ ”

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo nyinaa de akoma korɔ ne ano korɔ bɛkamfo Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no. Momma mo ho nka mo ho mo ho mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛdeɛ Kristo agye mo no. Ɛfiri sɛ, meka kyerɛɛ mo sɛ, Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafoɔ ɔsomfoɔ de kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ a ɔbɛma ne bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu, na wama amanamanmufoɔ nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Yei enti, mɛkamfo wo wɔ amanamanmufoɔ mu; na mato nnwom akamfo wo din.” Na ɛka bio sɛ, “Mo amanamanmufoɔ, monkamfo Awurade, mo ne ne nkurɔfoɔ, Yudafoɔ.” Na bio, “Amanamanmufoɔ nyinaa nyi Awurade ayɛ; asase so aman nyinaa monkamfo no.”

Momma yɛnyi Onyankopɔn ayɛ! Ɔno na ɔtumi ma mo gyina pintinn wɔ mo gyidie mu sɛdeɛ mekaa wɔ Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho kyerɛɛ mo no. Sɛdeɛ medaa nokorɛ ahintasɛm a ɛfiri teteete no adi kyerɛɛ mo no, wɔnam adiyifoɔ atwerɛsɛm a ɛfiri Onyankopɔn Teasefoɔ no nkyɛn ada ahintasɛm yi adi ama wɔahunu sɛdeɛ aman nyinaa bɛgye adi na wɔayɛ ɔsetie ama no. Ɔno, Onyankopɔn nyansaboakwa na animuonyam nka no wɔ Yesu Kristo mu daa daa! Amen.

ɔtɔɔ mo aboɔden. Enti momfa mo onipadua no nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.

Yɛwɔ Onyame baako pɛ a ɔyɛ Agya. Ɔno na ɔbɔɔ adeɛ nyinaa, na yɛte ase ma no. Yesu Kristo ne yɛn Awurade a Agya no nam ne so yɛɛ adeɛ nyinaa, na ɔmaa yɛn nkwa.

Biribiara a mobɛyɛ no, sɛ moredidi o, sɛ morenom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.

na ne kɔkoamsɛm bɛda adi, na ɔbɛbu nkotodwe asom Onyankopɔn na waka ne bɔne sɛ, “Nokorɛ ni, Onyankopɔn ka yɛn ho wɔ ha!”

Onyankopɔn a ɔkaa sɛ, “Hann mfiri esum mu nhyerɛn no” ɔno na wahyerɛn wɔ yɛn akoma mu, ama yɛanya Onyankopɔn animuonyam ho nimdeɛ wɔ Yesu Kristo mu.

Yɛn bɔne enti, Kristo yɛɛ ɔsetie maa yɛn Agya Onyankopɔn. Ɔnam so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ de gyee yɛn firii bɔne a yɛwɔ mu ɛnnɛ yi mu. Animuonyam nka Onyankopɔn daa nyinaa. Amen.

Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, ɛfiri sɛ, ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a ɛfiri ɔsoro abrɛ yɛn.

de akamfo nʼadom a ɛdɔɔso a ɔde akyɛ yɛn kwa wɔ ne Dɔ Ba no mu no.

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn a yɛdii ɛkan nyaa anidasoɔ wɔ Kristo mu no bɛyɛ nkamfo ahyɛ no animuonyam. Saa ara na ɛte wɔ mo ho nso. Ɛberɛ a motee nokwasɛm a ɛyɛ Asɛmpa a ɛmaa mo nkwagyeɛ no, mogyee Kristo diiɛ. Wɔde bɔhyɛ Honhom Kronkron no hyɛɛ mo nso wɔ ne mu. Honhom no ma yɛn awerɛhyɛmu sɛ wɔde deɛ Onyankopɔn de asie ama ne nkurɔfoɔ no bɛma yɛn. Afei, yɛbɛde yɛn ho na wɔbɛkamfo Onyankopɔn ahyɛ no animuonyam.

na mebisa yɛn Awurade Yesu Kristo Onyankopɔn, animuonyam Agya no sɛ, ɔmma mo Honhom Kronkron no a ɔbɛma mo nyansa na wada Onyankopɔn adi akyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu no. Mesrɛ sɛ mo adwene mu mmue na monhunu ne hann no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya anidasoɔ a ɛno enti ɔfrɛɛ mo no ne ahonya a ɛwɔ agyapadeɛ kronkron a ɛwɔ hɔ ma ahotefoɔ no, ne ne tumi a ɛso na biribiara ne no nsɛ ma yɛn a yɛgye die no. Ɛyɛ saa tumi nwanwasoɔ no ara na ɔdaa no adi ɛberɛ a ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu na ɔde no tenaa ne nifa so wɔ ɔsoro ahemman no mu no. Saa tumi yi korɔn sene mpaninnie ne tumidie, ahoɔden ne kɛseyɛ, ne diberɛ biara a wɔtumi de ma saa ɛberɛ yi ne ɛberɛ a ɛbɛba no mu. Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ Kristo nan ase, na ɔde no ayɛ nneɛma nyinaa ti ama asafo no, a ɛne ne onipadua. Ɔno ne deɛ ɔhyɛ adeɛ nyinaa ma wɔ akwan nyinaa mu.

Yei enti, mebu nkotodwe wɔ Agya no anim, ɔno na ne din da nʼabusua a ɛwɔ ɔsoro ne asase nyinaa so. Mebɔ mpaeɛ sɛ ɔmfiri nʼanimuonyam ahonya no mu mfa ne Honhom a ɛte mo mu no so nhyɛ mo den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo bɛfa mo gyidie so abɛtena mo akoma mu. Sɛ moagye nhini na moatim wɔ ɔdɔ mu no, mebɔ mpaeɛ sɛ mo ne ahotefoɔ nyinaa bɛnya tumi, na moate Kristo dɔ no trɛ, ne tentene, ne korɔn ne emu dɔ no ase, na moahunu saa ɔdɔ a ɛtra adwene nyinaa so no, na Onyankopɔn ahyɛ mo ma. Animuonyam nka Onyankopɔn a ne tumi yɛ adwuma wɔ yɛn mu. Ɔnam saa tumi yi so yɛ deɛ yɛbisa anaa deɛ yɛsusu ma ɛboro so. Animuonyam nka Onyankopɔn wɔ asafo no ne Kristo Yesu mu mfiri ɛnnɛ nkɔsi daapem. Amen.

Yɛwɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya a ɔdi yɛn nyinaa so. Ɔnam yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu nso.

Enti deɛ ɔkɔɔ fam no ara na ɔkɔɔ ɔsoro a ɛboro ewiem nyinaa so, sɛdeɛ ɔbɛhyɛ abɔdeɛ nyinaa ma.

Momfa nnwom, ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no wɔ akoma mu, na monna Agya Onyankopɔn ase ɛberɛ biara wɔ biribiara ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.

Nneɛma pa a Yesu Kristo no nko bɛtumi de ama mo no bɛhyɛ mo abrabɔ ma de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, akamfo no.

Yei enti, Onyankopɔn maa no so kɔɔ beaeɛ a ɛkorɔn koraa, maa no din a ɛdi din nyinaa so. Na ɛno enti, sɛ wɔbɔ Yesu din a, ɔsorofoɔ ne asase sofoɔ ne asase asefoɔ nkotodwe nyinaa bɛkoto no. Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka sɛ, Yesu Kristo ne Awurade, de ahyɛ Agya Onyankopɔn animuonyam.

Ɛyɛ yɛn, na ɛnyɛ wɔn na agye nokorɛ twetiatwa ato mu. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn Honhom na ɔma yɛn tumi ma yɛsom no. Na hyɛ a yɛde yɛn ho ahyɛ Kristo Yesu mu no enti, yɛanya fawohodie. Yɛmmfa yɛn ho nto honam so.

Animuonyam nka yɛn Agya Onyankopɔn daa daa. Amen.

Kristo yɛ Onyankopɔn a wɔnhunu no no sɛso. Ɔno ne abɔdeɛ nyinaa farebae. Ɛfiri sɛ, ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu, honhom mu atumfoɔ, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ ewiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso. Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara, na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ. Asafo no yɛ ne onipadua; na ɔno na ɔyɛ asafo no ti. Ɔno na onipadua no nkwa firi no. Ɔno ne Abakan a wɔnyanee no firii awufoɔ mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔno nko ara bɛdi adeɛ nyinaa mu ɛkan. Ɛfiri Onyankopɔn no ankasa pɛ mu na Ɔba no wɔ Onyankopɔn su nyinaa wɔ ne mu. Ɛnam ne Ba no so na Onyankopɔn firi ne pɛ mu de ewiase nyinaa sane bɛhyɛɛ ɔno ankasa ase. Onyankopɔn nam ne Ba no wu a ɔwuu asɛnnua so no de asomdwoeɛ baeɛ, enti ɔde nneɛma a ɛwɔ asase so ne ɔsoro nyinaa ahyɛ nʼase.

Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ne sɛ, ɔbɛda nʼahintasɛm a nnepa ne animuonyam wɔ mu no adi akyerɛ Amanamanmufoɔ nso. Ahintasɛm no ne sɛ: Kristo te mo mu, a nʼasekyerɛ ne sɛ, yɛwɔ anidasoɔ sɛ yɛn nsa bɛka Onyankopɔn animuonyam no bi.

Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn tebea nyinaa ara te Kristo onipadua mu, na mo nso Kristo ahyɛ mo ma, na tumidie ne mpaninnie biara hyɛ Kristo ase.

Wɔanyane mo ne Kristo aba nkwa mu. Afei monnwene ɔsoro nneɛma ho, baabi a Kristo te Onyankopɔn nifa so di ɔhene no. Saa nneɛma no na momma mo adwene nkɔ so, na ɛnnyɛ asase yi so nneɛma. Ɛfiri sɛ, moawu na wɔde mo nkwa ne Kristo ahinta wɔ Onyankopɔn mu. Na sɛ Kristo a ɔyɛ mo nkwa no ba a, mo ne no bɛba wɔ nʼanimuonyam mu.

Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo akoma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asankuo so nnwom ne ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom. Momfiri mo akoma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn. Biribiara a moyɛ anaa moka no, monyɛ wɔ Awurade Yesu din mu na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase.

Onyankopɔn nam Asɛmpa no so frɛɛ mo sɛdeɛ mo ne Awurade Yesu Kristo bɛtena nʼanimuonyam no mu.

Animuonyam ne anidie nka Onyankopɔn daa daa. Ɔno ne mmerɛsantenhene. Ɔno na wɔnhunu no na ɔnwu da nso. Ɔno nko ara ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen.

Onyankopɔn a wɔahyira no na ɔno nko ara di Ɔhene, Ahene mu Ɔhene ne Awura mu Awurade no bɛma no aba ɛberɛ a ɛsɛ mu. Ɔno nko na ɔwɔ hɔ daa, ɔte hann a obi ntumi mmɛn ho mu. Obiara nhunuu no da na obiara nso rentumi nhunu no da. Ɔno na anidie ne tumi a ɛnni awieeɛ wɔ no. Amen.

Na Awurade bɛgye me afiri bɔne nyinaa mu na ɔde me akɔ ɔsoro Ahennie no mu asomdwoeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no daadaa. Amen.

Yɛwɔ anidasoɔ wɔ ɛberɛ a yɛretwɛn Onyankopɔn tumfoɔ a ɔne Agyenkwa Yesu Kristo no ba a ɔbɛba bio wɔ animuonyam mu no.

Nanso, mmerɛ a ɛdi akyire no deɛ, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na Onyankopɔn nam ne so bɔɔ ewiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awieeɛ no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne dea. Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn animuonyam hyerɛn no so hran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no sɔ ewiase mu. Ɔtee nnipa ho firii wɔn bɔne mu wieeɛ no, ɔtenaa Otumfoɔ Onyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro.

Ɛberɛ a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba ewiase no, ɔsane kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ nyinaa som no.” Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfoɔ no ho ne sɛ, “Onyankopɔn soma nʼabɔfoɔ sɛ mframa, na ɔsoma nʼasomfoɔ sɛ gyadɛreeɛ.” Na ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kaa sɛ, “Ao, Onyankopɔn, wʼahennwa bɛtena hɔ daa nyinaa; wʼAhennie yɛ atɛntenenee.

Na mmom, yɛhunu Yesu! Mmerɛ tiawa bi, wɔbrɛɛ no ase sene abɔfoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Onyankopɔn adom enti, ɔbɛwu ama nnipa nyinaa. Owuo a ɔwuiɛ no enti, Onyankopɔn de animuonyam abotire abɔ no.

Ɔka sɛ, “Mɛka wo ho asɛm akyerɛ me nuanom, mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.”

Ɛno enti, momma yɛnsɔ gyidie a yɛka ho asɛm no mu den. Ɛfiri sɛ yɛwɔ Ɔsɔfopanin kɛseɛ wɔ Onyankopɔn anim. Yɛnni sɔfopanin bi a ɔntumi nhwɛ yɛn mmerɛyɛ ho nhunu yɛn mmɔbɔ. Yɛwɔ obi a wɔasɔ no ahwɛ akwan ahodoɔ nyinaa so sɛ yɛn ara, nanso wanyɛ bɔne. Momma yɛnsi yɛn bo na yɛmmra Onyankopɔn ahennwa a adom wɔ mu no anim, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔborɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn ɛberɛ a ɛsɛ mu.

Yesu ne Ɔsɔfopanin a ɔboa yɛn wɔ yɛn ahiasɛm mu. Ɔyɛ kronkron. Ɔnni mfomsoɔ biara wɔ ne mu, na ɔnyɛ bɔne. Wɔate no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho na wɔapagya no aboro ɔsoro so.

Asɛm a yɛgyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ Ɔsɔfopanin a ɔte Otumfoɔ a ɔwɔ ɔsoro no ahennwa no nifa.

Ɛberɛ a Kristo kɔɔ ntomadan no mu a ɔkɔɔ Kronkronbea hɔ pɛnkorɔ no, wamfa mmirekyie ne anantwie mogya na ɛkɔbɔɔ afɔdeɛ. Mmom, ɔno ara de ne mogya na ɛbɔɔ afɔdeɛ de gyee nkwa a ɛnni awieeɛ maa yɛn.

Kristo deɛ, ɔbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ. Afɔdeɛ a ɛtena daa nyinaa. Na ɛno akyi, ɔtenaa Onyankopɔn nifa so.

Anuanom, ɛsiane Yesu wuo no enti, yɛade yɛn ho koraa sɛ yɛbɛkɔ Kronkronbea hɔ.

Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidie ahyɛaseɛ ne nʼawieeɛ gyina ne so no so. Asɛnnua no enti, wampa aba. Esiane anigyeɛ a na ɛretwɛn no no enti, animguasewuo a ɔwuu wɔ asɛnnua so no anha no. Enti, seesei ɔte Onyankopɔn ahennwa no nifa so.

Momma yɛnna so ase, ɛfiri sɛ, yɛanya ahennie a wɔwoso no a ɛnyɛ yie. Momma yɛn ani nsɔ na yɛmfa ɛkwan a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛyɛ anidie ne suro so nsom no, ɛfiri sɛ, nokorɛ ni, yɛn Onyankopɔn yɛ ogya a ɛhye na ɛsɛe adeɛ.

Yesu Kristo te saa ara nnora, ɛnnɛ ne daa nyinaa.

Momma yɛmfa Yesu so mfa yɛn anofafa nkamfo Onyankopɔn din daa sɛ yɛn afɔrebɔdeɛ.

Onyankopɔn anyane yɛn Awurade Yesu a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ panin no afiri awufoɔ mu ama yɛn na ɛnam ne owuo no so enti, wɔasɔ daa apam no ano ama yɛn. Asomdwoeɛ Onyankopɔn mma mo deɛ ɛhia mo nyinaa na monam so ayɛ nʼapɛdeɛ, na ɔnam Yesu Kristo so ayɛ yɛn mu adwuma sɛdeɛ ɛsɔ ani. Animuonyam nka Kristo daa nyinaa. Amen.

Mo mu bi wɔ ɔhaw bi mu anaa? Ɛsɛ sɛ saa onipa no bɔ mpaeɛ. Mo mu bi wɔ ahotɔ mu anaa? Ɛsɛ sɛ ɔto ayɛyie nnwom.

Kristo kɔ ɔsoro afei, na ɔte Onyankopɔn nifa so na ɔdi ɔhene wɔ abɔfoɔ nyinaa ne ewiem atumfoɔ so.

Sɛ obi reka asɛm a, ɔnka Onyankopɔn asɛm. Obiara a ɔsom no, ɔmfa ahoɔden a Onyankopɔn de ama no no nsom sɛdeɛ biribiara mu, wɔbɛfa Yesu Kristo so akamfo Onyankopɔn a animuonyam ne tumi wɔ no daadaa no. Amen.

Na sɛ mohunu amane wɔ mo Kristosom ho a, mommma mo ani nnwu, na mmom, monna Onyankopɔn ase sɛ moyɛ Kristo dea.

Na adom nyinaa Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa animuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ monya hunu amane kakra ansa a, ɔbɛsiesie mo pɛ; ɔbɛma mo ase atim; ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma mo anya nnyinasoɔ. Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen.

Ɛnyɛ anansesɛm na yɛte bɛka kyerɛɛ mo wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ba a ɔrebɛba no ho, na mmom, yɛahunu na yɛdi ne kɛseyɛ no ho adanseɛ. Yɛwɔ hɔ bi na Agya Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam ɛberɛ a nne bi firi Animuonyam kɛseɛ mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani!” no.

Monyini wɔ yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no seesei ne daa. Amen.

Onyankopɔn korɔ a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na animuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmerɛ a atwam, ne ɛnnɛ ne daa nyinaa. Amen.

ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo. Ɔdɔ yɛn, na ɔnam ne wuo no so agye yɛn afiri yɛn bɔne mu. Wayɛ yɛn ahemman ne asɔfoɔ sɛ yɛnsom ne Onyankopɔn ne nʼAgya. Ɔno na wɔmfa animuonyam ne tumi mma no daa daa! Amen. Ɔnam omununkum mu reba. Wɔn a wɔwɔɔ no pea no ne obiara bɛhunu no. Asase so nnipa nyinaa bɛsu no. Ɛbɛba mu saa. Amen.

Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ no se, “Mene Alfa ne Omega a ɔwɔ hɔ seesei na ɔwɔ hɔ dada na ɔrebɛba no.”

Medanee mʼani pɛɛ sɛ mehunu deɛ ɔrekasa kyerɛ me no. Ɛhɔ na mehunuu sikakɔkɔɔ nkaneadua nson. Na nkaneadua no mfimfini na onipa bi a ɔte sɛ Onipa Ba a ɔhyɛ atadeɛ yuu a ɛsi ne nan ase a sika abɔsoɔ kyekyere ne koko no gyina. Na ne tirinwi yɛ fitaa te sɛ asaawafuturo anaasɛ sukyerɛmma, na nʼani dɛre sɛ ogya. Ne nan ase hyerɛnee sɛ ayowaa a wɔanane wɔ fononoo mu na afei wɔatwi ho na ne nne woro so te sɛ nsuworosoɔ a ano yɛ den. Na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nsa nifa mu na sekan anofanu a ɛyɛ nnam firi nʼanom baeɛ. Na nʼanim hyerɛn te sɛ owigyinaeɛ awia. Mehunuu no no, mekɔhwee ne nan ase te sɛ owufoɔ. Ɔde ne nsa nifa too me so kaa sɛ, “Nsuro! Mene Ɔkannifoɔ ne Okyikafoɔ. Mene ɔteasefoɔ no! Mewuiɛ, nanso seesei mete ase daa daa. Mekura owuo ne asaman safoa.

Prɛko pɛ, na Honhom no faa me. Na ahennwa bi si ɔsoro hɔ a obi te so. Na nʼanim hyerɛn te sɛ ahwehwɛboɔ ne mogyanamboɔ. Na nyankontɔn a ɛte sɛ ahahammonoboɔ atwa ahennwa no ho ahyia. Na ahennwa nketewa aduonu nan atwa ahennwa kɛseɛ no ho ahyia a mpanimfoɔ aduonu ɛnan na wɔtete so a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitaa ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛ.

Na anyinam ne aprannaa bobom firi ahennwa no mu. Na nkanea nson a wɔasosɔ redɛre wɔ ahennwa no anim. Yeinom yɛ Onyankopɔn ahonhom nson. Na biribi te sɛ ahwehwɛ ɛpo a ɛyɛ korɔgyenn sɛ ahwehwɛ da ahennwa no anim. Ahennwa no fa biara, na ateasefoɔ baanan a ani tuatua wɔn anim ne wɔn akyi atwa ahennwa no ho ahyia.

Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia a ani tuatua akyire ne animu nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa na wɔto dwom sɛ, “Kronkron, Kronkron ne Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ a ɔtenaa hɔ na ɔwɔ hɔ na ɔrebɛba no.” Saa ateasefoɔ baanan no to nnwom de hyɛ deɛ ɔte ahennwa no so a ɔte hɔ daa daa no animuonyam, de ma no anidie, da no ase. Sɛ wɔyɛ saa a, mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutu deɛ ɔte ahennwa no so no anim som deɛ ɔte hɔ daa daa no. Wɔto wɔn ahenkyɛ gu ahennwa no anim ka sɛ: “Yɛn Awurade ne Onyankopɔn, wofata sɛ wonya animuonyam, anidie ne tumi, ɛfiri sɛ, wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ mu enti na wɔte hɔ.”

Afei, ɔpanin baako ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsu. Hwɛ! Gyata a ɔfiri Yuda abusuakuo mu a ɔyɛ Dawid aseni adi nkonim, na ɔbɛtumi atete nsɔano nson no na wabue nwoma no mu.” Afei, mehunuu Odwammaa bi sɛ ɔgyina ahennwa no mfimfini a ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no atwa ne ho ahyia. Wɔhwɛ a na ɛsɛ deɛ wɔakum Odwammaa no. Na ɔwɔ mmɛn nson ne aniwa nson a ɛgyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom nson no a wɔasoma wɔn aba ewiase no. Odwammaa no kɔgyee nwoma no firii deɛ ɔte ahennwa so no nsa nifa mu. Ɔyɛɛ saa no, ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutuu Odwammaa no anim. Na wɔn mu biara kura sankuo ne sika ayowaa a aduhwam ayɛ no ma a ɛyɛ ahotefoɔ mpaeɛ. Wɔtoo dwom foforɔ sɛ, “Wofata sɛ wofa nwoma no na wote ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔkumm wo, na ɛnam wo wuo so maa wɔtɔɔ nnipa firii aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu maa Onyankopɔn. Wɔayɛ wɔn asɔfoɔ ahemman sɛ wɔnsom yɛn Onyankopɔn na wɔbɛdi asase so ɔhene.”

Bio mehwɛeɛ, tee abɔfoɔ mpempem nka. Na wɔatwa ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no ho ahyia reto dwom denden sɛ, “Odwammaa a wɔkumm no no fata sɛ ɔgye tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔden ne anidie ne animuonyam ne nkamfoɔ!” Na metee sɛ abɔdeɛ a wɔwɔ ɔsoro, asase so, asase ase ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ɛpo mu ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ewiase nyinaa reto dwom sɛ, “Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi, nka deɛ ɔte ahennwa no so ne Odwammaa no, daa daa!” Abɔdeɛ ɛnan no gyee so sɛ, “Amen!” Na mpanimfoɔ no butubutuu hɔ someeɛ.

Yei akyi no, mehunuu nnipakuo a obiara ntumi nkan wɔn dodoɔ. Wɔfifiri aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu a wɔgyinagyina ahennwa no ne Odwammaa no anim a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa, kurakura berɛ. Wɔteaam sɛ, “Yɛn nkwagyeɛ firi yɛn Onyankopɔn a ɔte ahennwa no so ne Odwammaa no.” Na abɔfoɔ no atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia. Afei wɔbutubutuu ahennwa no anim, somm Onyankopɔn kaa sɛ, “Amen! Nhyira ne animuonyam ne nyansa ne aseda ne anidie ne tumi ne ahoɔden yɛ Onyankopɔn dea daa daa. Amen!”

Na ɛno enti na, “wɔgyina Onyankopɔn ahennwa anim a wɔresom awia ne anadwo wɔ ne hyiadan mu yi. Deɛ ɔbɛtena ahennwa no so no bɛbɔ wɔn ho ban.

Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson hyɛnee ne totorobɛnto, na nne denden wɔ ɔsoro kaa sɛ, “Tumi a wɔde di ewiase so seesei no yɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi ɔhene daa daa.” Afei, mpanimfoɔ aduonu ɛnan a wɔte wɔn ahennwa so Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutu fam, somm Onyankopɔn, kaa sɛ, “Yɛda wo ase, Otumfoɔ Onyankopɔn, wo a wowɔ hɔ na wowɔ hɔ dada, sɛ woafa wo tumi kɛseɛ, na wahyɛ aseɛ redi ɔhene.

Afei, metee nne denden bi wɔ ɔsoro a ɛka sɛ, “Afei, na Onyankopɔn nkwagyeɛ aba! Afei, na Onyankopɔn akyerɛ ne tumi sɛ ɔyɛ Ɔhene! Afei, na nʼAgyenkwa no akyerɛ ne tumi, ɛfiri sɛ, yɛn nuanom no ahohorabɔni a ɔgyinaa Onyankopɔn anim bɔɔ wɔn ahohora awia ne anadwo no, wɔapam no afiri soro no.

Na metee nne bi firi ɔsoro a na ɛworo so te sɛ nsuworoeɛ a ano yɛ den, na ɛte sɛ aprannaa. Ɛnne a meteeɛ no te sɛ dwom a sankubɔfoɔ bi rebɔ wɔ ne sankuo so. Wɔtoo dwom foforɔ bi wɔ ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no anim. Nnipa ɔpeha aduanan ɛnan a wɔagye wɔn afiri asase so no nko ara na wɔtumi suaeɛ. Wɔyɛ mmarima bi a wɔamfa mmaa angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabunu. Baabiara a Odwammaa no bɛkɔ no na wɔdi nʼakyi. Wɔagye wɔn nkwa afiri nnipa mu na wɔne nnipa a wɔdi ɛkan a wɔde wɔn ama Onyankopɔn ne Odwammaa no. Wɔnka atorɔsɛm, na mfomsoɔ nni wɔn ho.

Ɔteaam sɛ, “Monsuro Onyankopɔn na monkamfo ne kɛseyɛ. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ no aduru sɛ ɔbu adasamma atɛn. Monsom deɛ ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne nsutire no!”

Mehunuu omununkum fitaa bi na obi a ɔte sɛ Onipa Ba a sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ no na ɔkura kantankrankyi nnamnnam bi wɔ ne nsam.

Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne Odwammaa no dwom sɛ, “Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn, wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa Amansanhene Wʼakwan tene na ɛyɛ nokorɛ. Hwan na ɔnsuro wo, Awurade? Hwan na ɔrenka wo kɛseyɛ? Wo nko na woyɛ kronkron. Aman nyinaa bɛba abɛsom wɔ wʼanim, ɛfiri sɛ, obiara ahunu wo tenenee nnwuma no.”

Wisie a ɛfiri Onyankopɔn animuonyam ne ne tumi mu no hyɛɛ asɔredan no ma. Na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kɔsii sɛ ɔhaw nson a abɔfoɔ baason no de baeɛ no to twaeɛ.

Wɔbɛko atia Odwammaa no, na ɔno ne nʼakyidifoɔ, agyidifoɔ ne nokwafoɔ a wɔafrɛ wɔn no bɛdi wɔn so, ɛfiri sɛ, ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Ɔhene.”

Yei akyi no, metee nne bi te sɛ nnipakuo a wɔwɔ ɔsoro reteam sɛ, “Haleluia! Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi wɔ yɛn Onyankopɔn,

Mpanimfoɔ aduonu ɛnan ne ateasefoɔ baanan no butubutuu Onyankopɔn a ɔte nʼahennwa so no anim somm no. Na wɔteaam sɛ, “Amen, Haleluia!” Afei, nne bi firi ahennwa no so baa sɛ, “Monkamfo yɛn Onyankopɔn, mo a moyɛ nʼasomfoɔ nyinaa, mo a mosuro no, akɛseɛ ne nkumaa!” Afei, metee nne bi te sɛ nnipadɔm a ɛte sɛ nsuworosoɔ ne aprannaa a ɛrepaapae a ɛreteam sɛ, “Haleluia! Yɛn Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn di ɔhene. Momma yɛn ho nsɛpɛ yɛn na yɛn ani nnye na yɛnhyɛ no animuonyam! Ɛfiri sɛ Odwammaa no ayeforɔhyia aduru, na nʼayefokunu asiesie ne ho.

Nʼaniwa te sɛ ogya a ɛrederɛ na ɔhyɛ ahenkyɛ bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ agu ne ho, nanso na obiara nnim edin no nkyerɛaseɛ ka ne ho. Na ɔhyɛ atadeɛ bi a wɔde anu mogya mu. Na ne din ne “Onyankopɔn Asɛm” Ɔsoro asraafoɔ a wɔhyehyɛ nwera fitaa a ani te a wɔtete apɔnkɔ fitafitaa so dii nʼakyi. Akofena a ano yɛ nnam yie a ɔde bɛdi aman so firii nʼanom baeɛ. Dadeɛ poma na ɔde bɛdi wɔn so. Sɛdeɛ wɔtiatia bobe a ɛwɔ nsakyiamena mu no so no, saa ara na ɔbɛtiatia nnipa no so de akyerɛ Onyankopɔn Otumfoɔ no abufuo.

Na wɔatwerɛ edin agu nʼatadeɛ mu ne ne srɛ ho sɛ: ahene mu ɔhene ne awuranom mu awurade.

Afei, mehunuu ahennwa fitaa kɛseɛ bi ne deɛ ɔte so no. Asase ne ɔsoro dwanee wɔ nʼanim, na wɔanhunu wɔn bio. Na mehunuu awufoɔ akɛseɛ ne nketewa sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim. Wobuebuee nwoma bebree mu, ɛnna wobuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ ateasefoɔ nwoma no mu. Wɔbuu awufoɔ no atɛn, sɛdeɛ wɔn nnwuma te ne sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ nwoma ahodoɔ no mu no.

Afei, mehunuu ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, na kane ɔsoro ne kane asase no atwam, na ɛpo nso nni hɔ bio. Na mehunuu Kuro Kronkron a ɛyɛ Yerusalem foforɔ sɛ ɛfiri Onyankopɔn hɔ wɔ ɔsoro reba fam, a wasiesie ne ho te sɛ ayeforɔ a ɔrekɔhyia ne kunu. Metee nne denden bi firi ahennwa no so sɛ, “Afei, Onyankopɔn atenaeɛ wɔ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfoɔ. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Onyankopɔn.

Na manhunu asɔredan wɔ kuro no mu baabiara ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ ne Odwammaa no ne asɔredan. Na owia anaa ɔsrane hann nhia kuro no ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ne Odwammaa no animuonyam hyerɛn wɔ hɔ.

Ɔbɔfoɔ no kyerɛɛ me nkwa asubɔnten a ani te korɔgyenn sɛ ahwehwɛ a ɛfiri Onyankopɔn ne Odwammaa no ahennwa so, a ɛtene fa kuro no abɔntene mfimfini. Asuo no fa biara, nkwa dua si hɔ a ɛso aba ahodoɔ dumienu ɔbosome biara. Wɔde ɛso ahahan no sa aman ahodoɔ no yadeɛ. Biribiara a ɛwɔ Onyankopɔn nnome ase no nkɔ kuro no mu. Wɔbɛhunu Onyankopɔn ne Odwammaa no ahennwa wɔ kuro no mu na nʼasomfoɔ bɛsom no. Wɔbɛhunu nʼanim na wɔbɛtwerɛ ne din agu wɔn moma so.

Mene Alfa ne Omega, Ɔkannifoɔ ne Okyidifoɔ, Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ.

Twi - Twi - TW

NAAS'20 - Asante Twi Nkwa Asem - 2020

This Bible text is from Biblica Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
https://open.bible/bibles/twi-biblica-asante-text-bible/
provided by: Biblica Inc, available by Creative Commons CC-BY-SA-4.0,
and this new compilation is shared as www.creativecommons.org/licenses/by-sa/4.0.
Languages are made available to you by www.ipedge.net